Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 4:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na yeinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wɔgu asɛm no, sɛ wɔnya te a, ntɛm ara Satan ba, na ɔbɛyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na yeinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wɔgu asɛm no, sɛ wɔnya te a, ntɛm ara Satan ba, na ɔbɛyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Aba a eguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a ntɛm ara na ɔbonsam ba wɔn nkyɛn ma wɔn werɛ fi nea wɔate no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Aba a ɛguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a, ntɛm so, ɔbonsam ba wɔn nkyɛn, ma wɔn werɛ firi deɛ wɔate no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na eyinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wogu asɛm no, na wonya te a, ntɛm ara Satan ba, na obeyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 4:15
28 Iomraidhean Croise  

Na Lot firii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmammaa no kɔkasaa sɛ: Monsɔre mfiri ha, na AWURADE rebɛsɛe kuro yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.


Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na AWURADE basa no, hwan so na ada adie ama no ahunu?


Na ɔmaa mehunuu Ɔsɔfopanin Yosua sɛ ɔgyina AWURADE bɔfoɔ no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.


Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.


Na wɔn deɛ, wɔamfa anyɛ hwee, na wɔkokɔe. Obi kɔɔ n’afuo mu, na obi nso kɔdii ne dwa.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Ogufoɔ no gu asɛm no.


Na yeinom nso ne wɔn a wɔgu wɔn aboɔ so no: Wɔn na wɔnya te asɛm no a, ntɛm ara wɔde anigyeɛ gye,


Na ɛbaa sɛ ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn; na ewiem nnomaa ba bɛsosɔeɛ.


Ɔkwankyɛn deɛ no ne wɔn a wɔteɛ; na ɔbonsam ba bɛyi asɛm no firi wɔn akoma mu, na wɔannye anni na wɔannye wɔn nkwa.


Na wɔtee awufoɔ sɔreɛ no, ebinom dii fɛw, na ebinom kaa sɛ: Yɛbɛtie wo wɔ asɛm yi ho bio.


Na Petro kaa sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ w’akoma ma sɛ bɛdi atorɔ kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no tiri adeɛ bi asie?


na Satan anni yɛn amim; ɛfiri sɛ yɛnim n’akwan.


Ɔno nso na ne ba no, ɔba no Satan adwumayɛ soɔ, atorɔ tumi ne nsɛnkyerɛnneɛ ne ahodwirideɛ nyinaa mu,


na obi anyɛ odwamamfoɔ anaa ohuhuni sɛ Esau a ɔtɔnee n’abakan gyee aduane korɔ.


Yei nti ɛsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛateɛ no mu den ma no boro soɔ, na yɛamfiri ho da bi.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.


Na wɔtuu ɔtweaseɛ kɛseɛ no, ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, deɛ ɔdaadaa amanaman nyinaa no, firii hɔ too no twenee asase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho gui.


Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtoo no twenee ogya ne sɔfe tadeɛ no mu, deɛ aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


Na sɛ mfirinhyia apem no wie duru a, wɔbɛsane Satan afiri n’afiase,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan