Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 4:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔsee wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie ho ahuntasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyire no deɛ, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebuo mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔsee wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie ho ahuntasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyire no deɛ, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebuo mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Obuaa wɔn se, “Mo de, wɔada Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso afoforo de, wɔka no abebu mu na ɛkyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔada Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso, afoforɔ deɛ, wɔka no abɛbuo mu na ɛkyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na osee wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni ho ahintasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyiri no de, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebu mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 4:11
20 Iomraidhean Croise  

Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.


Na mo deɛ, nhyira ne mo ani sɛ ɛhunu, ne mo aso sɛ ɛteɛ.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na ɛyi kyerɛɛ woɔ, na m’agya a ɔwɔ soro no.


Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan bɛtumi atu Satan?


Na ɛkaa ɔno nko no, wɔn a wɔwɔ ne ho ne dummienu no bisaa no ɛbɛ no ase.


Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii wɔ mmebuo mu, na ɔsee wɔn ne nkyerɛkyerɛ no mu sɛ:


Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ.


Na hwan na ɔma wo da nso wɔ afoforɔ mu? Na ɛdeɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wonyae a, adɛn nti na wohoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ nya na wonyaeɛ?


Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


Ɔmaa yɛhunuu ne pɛ ahuntasɛm, sɛdeɛ n’anisɔ a ɛyɛ n’atirimpɔ no teɛ.


Monnante nyansam wɔ ananafoɔ mu, na monnsɛe mo berɛ kwa.


na moanante sɛdeɛ ɛfata, wɔn a wɔwɔ akyire no anim, na biribiara anhia mo.


Nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtete ho no bɔ no din pa, na wanhwe ahohora ne ɔbonsam afidie mu.


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan