Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 3:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipakuo pii a wɔtee nnoɔma a ɔyɛeɛ no baa ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipakuo pii a wɔtee nnoɔma a ɔyɛeɛ no baa ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Efisɛ na nʼanwonwade a ɔyɛ no atrɛw mmaa nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Ɛfiri sɛ, na nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ no atrɛ afanan nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipa kuw pii a wɔtee nneɛma a ɔyɛe no baa ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 3:8
18 Iomraidhean Croise  

Na Tiro babaa de ayɛyɛdeɛ ba, na ɔman mu adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.


Sɛ mebɔ Misraimfoɔ, Babelfoɔ, Filistifoɔ, Tirofoɔ ne Etiopiafoɔ din wɔ wɔn a wɔni me mu mpo a, yeinom wɔwoo wɔn hɔ ara.


Na m’afena anom amee wɔ soro; hwɛ, ɛsiane ba Edom so, ɛreba me nnome man no so abɛbu atɛn.


Sɛ w’ani gyee Israel fie agyapadeɛ ho sɛ ayɛ afo no, saa ara na mɛyɛ woɔ, afo ara na Seir bepɔ ne Edom mu nyinaa bɛyɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ampa ara, me ninkuntwe gya mu na mɛkasa atia amanaman nkaeɛ no, ne Edom nyinaa a wɔafa m’asase ayɛ wɔn apɛgyadeɛ, wɔn akoma nyinaa anigyeɛ mu, ne ɔkra ho ɛpetoɔ mu, sɛ wɔbɛfa de ayɛ fomfa adeɛ.


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.


Na nkurɔfoɔ akuakuo pii a wɔfiri Galilea ne Dekapoli ne Yerusalem ne Yuda ne Yordan agya dii n’akyi.


Na ɔsɔre firii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ efie bi mu, na wampɛ sɛ obiara teɛ; nso wantumi anhunta.


Na ɔfiri Tiro ahyeɛ so nam Sidon baa Galilea po ho faa Dekapoli ahyeɛ so.


Na ɔne wɔn sianeeɛ no, ɔbɛgyinaa baabi a ɛhɔ da soɔ; ɔne n’asuafoɔ bebree ne nnipa pii a wɔfiri Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano a wɔbaa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yadeɛ,


Na Yuda mma abusuakuo ntonto no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, ɛtɔɔ Edom hyeɛ ho kɔduruu Sin serɛ so, wɔ anafoɔ fam asase a ɛyɛ anafoɔ hyeɛ no awieeɛ so.


Na Yudafoɔ abusuakuo no nkuro a ɛdeda anafoɔ fam pɛɛ de rekɔ Edom hyeɛ soɔ ne: Kabseel ne Eder ne Yagur,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan