Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 3:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na Yesu ne n’asuafoɔ no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuo pii firi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wɔfiri Yudea,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Yesu ne n’asuafoɔ no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuo pii firi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wɔfiri Yudea,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yesu ne nʼasuafo no fii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifi Galilea, Yudea, Yerusalem,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yesu ne nʼasuafoɔ no firii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifiri Galilea, Yudea, Yerusalem,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Yesu ne n’asuafo no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuw pii fi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wofi Yudea,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 3:7
20 Iomraidhean Croise  

Na sɛ wɔtaa mo kuro yi mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; na nokorɛ mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.


Na Yesu hunuiɛ no, ɔtwee ne ho firii hɔ, na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.


Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnyi no adi,


Na nkurɔfoɔ akuakuo pii a wɔfiri Galilea ne Dekapoli ne Yerusalem ne Yuda ne Yordan agya dii n’akyi.


Na ɔkɔ kɔkaa asɛm no wɔ wɔn hyia adan mu wɔ Galilea nyinaa, na ɔtuu ahonhommɔne.


Na ɔno deɛ, ɔfirii adie no, ɔfitii aseɛ kekaa no pii, na ɔmaa asɛm no trɛe, ɛno nti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu bio; na mmom ɔtenaa ɛserɛ so hɔnom baabi, na wɔfiri mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.


Na ɔbaa fie; na nkurɔfokuo bɛhyiaa bio a enti wɔantumi annidi mpo.


Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ bio wɔ mpoano; na nkurɔfokuo pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuo no nyinaa wɔ mpoano asase no so.


Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ɔfirii aseɛ Galilea na ɔde abɛduru ha yi.


Na ɛbaa sɛ nna no mu ɔfirii adi kɔɔ bepɔ so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo mu no nyinaa.


Na ɔne wɔn sianeeɛ no, ɔbɛgyinaa baabi a ɛhɔ da soɔ; ɔne n’asuafoɔ bebree ne nnipa pii a wɔfiri Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano a wɔbaa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yadeɛ,


Ebinom se: Kristo no nie! Na ebinom nso bisaa sɛ: Kristo no bɛfiri Galilea anaa?


Wɔbua see no sɛ: Dabrɛ wo nso wofiri Galilea? Hwehwɛ mu, na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ nsɔree wɔ Galilea pɛn.


Na ntɛm ara anuanom no gyaa Paulo ne Silas kwan anadwo kɔɔ Beroia; na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu.


Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano; na Silas ne Timoteo deɛ, wɔtenaa hɔ.


Ɛnna wɔyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔ so, Sekem wɔ Efraim bepɔ so, ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron) wɔ Yuda bepɔ so.


ne Naftali abusuakuo mu: Nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Hamot-dor ne ɛho asase, ne Kartan ne ɛho asase: Nkuro mmiɛnsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan