Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 3:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae. Ɛhaw no sɛ wonni ahummɔbɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa no mu.” Ɔteɛɛ mu na amono mu hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiaeɛ. Ɛhaa no sɛ wɔnni ahummɔborɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Tene wo nsa no mu.” Ɔtenee mu, na amonom hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden nti ɛyɛɛ no yaw, na osee onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe; na ne nsa no san yɛɛ yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 3:5
29 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ onipa wɔ asase soɔ, na ɛyɛɛ no ya n’akomam.


Ɛnna ɔhene srɛɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: Afei pa AWURADE wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma me, na me nsa nsane mmra me ho. Na Nyankopɔn nipa no paa AWURADE kyɛw, na ɔhene nsa no sane baa ne ho, na ɛyɛɛ sɛ kane no.


Na me bo fuu kɛse, na meyiyii Tobia fie nnoɔma no nyinaa firii pia no mu gui,


Mfeɛ aduanan na awoɔ ntoatoasoɔ no ho yɛɛ me ahi, na mekaa sɛ: Ɔman a wɔfom akoma mu ne wɔn. Na wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: Tene wo nsa! Na ɔteneeɛ, na ɛsane yɛɛ yie sɛ baako no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa anaa bɔne homeda? Sɛ wɔgye obi nkwa anaasɛ wɔkum no? Na wɔyɛɛ komm.


Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfoɔ! Mo mu biara nsane ne nantwie anaa n’afunumu mfiri n’adididaka ho mma no nkɔnom nsuo homeda?


Na ɔhunuu wɔn no, ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ mfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ. Na ɛbaa sɛ wɔrekorɔ no, wɔn ho fiiɛ.


Na ɔhwɛɛ wɔn nyinaa hyiae ka kyerɛɛ no sɛ: Tene wo nsa! Na ɔyɛɛ saa, na ne nsa no sane yɛɛ yie.


na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so wɔ Ɔtadeɛ Siloa mu (ne nkyerɛaseɛ ne: Deɛ wɔasoma no). Ɛnna ɔsii mu kɔeɛ kɔhohoroo soɔ, na ɔbaeɛ, na ɔhunu adeɛ.


Na, anuanom, mempɛ sɛ mesi mo ahuntasɛm yi soɔ, na moammu mo ho anyansafoɔ. Ɛne sɛ akomapirim aba Israel afaafa mu, de kɔsi sɛ amanaman mufoɔ no bɛwie mayɛ;


nanso wɔn adwenem yɛɛ wɔn sum, na ɛde bɛsi nnɛ mpo, nkatanimu no da so ara da apam dada kenkan so a wɔnnya nyiiɛ, ɛfiri sɛ Kristo mu (nko) na wɔyie.


Wɔn na wɔn adwene mu aduru sum, na ɛsiane sɛ wɔnni nteaseɛ na wɔn akoma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafoɔ.


Mo bo mfu, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuo so,


Na monnho Nyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.


Enti saa awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me ahi, na mekaa sɛ: Wɔfom daa wɔ wɔn akoma mu. Nanso wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan;


Na ɛhefoɔ ho na ɛyɛɛ no ahi mfirinhyia aduanan no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn amu guguu serɛ soɔ no anaa?


na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae,


Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhunta mfiri deɛ ɔte ahennwa no soɔ no ne adwammaa no abufuo ho,


Na wɔyiyii anyame ananafoɔ no firii wɔn mu, na wɔsomm AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete.


Na Yonatan de abufuhyeɛ sɔre firii ɛpono no ho, na wannidi bosome no da a ɛtɔ so mmienu no. Na ɔdii Dawid ho ya sɛ n’agya asopa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan