Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 2:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔsee obubuani no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔsee obubuani no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu huu wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu hunuu wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Yesu huu wɔn gyidi no, osee obubuafo no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 2:5
28 Iomraidhean Croise  

Na ɔse: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee. Afei na mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba korɔ no.


Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ, na ɔsa wo nyarewa nyinaa.


Hwɛ, me yiedie nti, mehunuu amaneɛ pii; na woayi me kra afiri ɔsɛeɛ amena mu de afam wo ho, ɛfiri sɛ wotoo me bɔne nyinaa guu w’akyi.


Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee. Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no bɛnya tenenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.


Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubuo a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ: Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo. Na ɛfiri dɔn no ara mu no na ɔbaa no ho yɛɛ no den.


Na deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre, na nante?


Na Atwerɛfoɔ a wɔtete hɔ no mu binom dwendwenee wɔn akoma mu sɛ:


Na ɔsee no sɛ: Ɔbabaa, wo gyidie agye wo; kɔ asomdwoeɛ mu, wo yadeɛ no nnyae, na wo ho nyɛ wo den.


Na ɔhunuu wɔn gyidie no, ɔsee no sɛ: Onipa, wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabaa, wo gyidie agye wo nkwa, kɔ asomdwoeɛ mu!


na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.


Yei akyiri no, Yesu hunuu no asɔrefie, na ɔsee no sɛ: Hwɛ, wo ho ayɛ wo den; nyɛ bɔne bio, na deɛ ɛyɛ bɔne sene yei anyɛ wo.


Na ɔbaeɛ na ɔbɛhunuu Nyankopɔn adom no, n’ani gyee, na ɔtuu wɔn nyinaa fo sɛ wɔnsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


Oyi tee sɛ Paulo rekasa; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hunuu sɛ ɔwɔ gyidie sɛ ɔbɛnya ayaresa,


ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakyera ne bɔne fakyɛ.


Yei nti na wɔn a wɔyɛ mmerɛ na wɔyareyare pii wɔ mo mu, na bebree nso awuwu.


Na deɛ mode biribi kyɛ no no, me nso mede kyɛ no. Na sɛ mede biribi makyɛ a, deɛ mede makyɛ no, mo nti na mede kyɛɛ Kristo anim;


Na adom na wɔde nam gyidie so agye mo nkwa, ɛmfiri mo ara, ɛyɛ Nyankopɔn akyɛdeɛ,


Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, monhunu mmema mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛdeɛ Awurade de akyɛ mo no, sɛdeɛ mo nso monyɛ ne no.


Na gyidie mpaebɔ bɛgye ɔyarefoɔ no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bɛkyɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan