Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 2:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkanee deɛ Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛhiaa no, na ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkanee deɛ Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛhiaa no, na ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Yesu nso bisaa wɔn se, “Monnkenkan nea Ɔhene Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Na osee wɔn sɛ: Monkenkan nea Dawid yɛe bere a ehiaa no na ɔkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 2:25
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔbua see wɔn sɛ: Monkenkanee sɛ ɛfiri mfitiaseɛ no, deɛ ɔbɔɔ onipa no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔyɛɛ wɔn?


na wɔbisaa no sɛ: Wote deɛ yeinom reka no? Na Yesu see wɔn sɛ: Aane. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkɔkoaa ne wɔn a wɔnom nufoɔ ano mu na woasiesie ayeyie, anaa?


Yesu see wɔn sɛ: Monkenkanee twerɛ nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ; yei firi Awurade na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so?


Na ɛfa awufoɔ sɔreɛ ho deɛ, monkenkann deɛ Onyankopɔn kaeɛ no pɛn


Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no.


Nso anuanom baason bi tenaa ase, na deɛ ɔdi kan waree yerɛ; na ɔwuiɛ no, wannya mma.


Na ɛfa awufoɔ nyane ho deɛ, monkenkanee no Mose nwoma mu wɔ wira no ho sɛdeɛ Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?


Na Farisifoɔ no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?


Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a obiara nni ho kwan sɛ ɔdie, gye asɔfoɔ nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no?


Na Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wɔatwerɛ mmara no mu? Wokenkan no sɛn?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan