Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 2:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Na Farisifoɔ no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Na Farisifoɔ no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Farisifo no bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Hwɛ, adɛn na wɔreyɛ nea etia mmara Homeda?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Farisifoɔ no bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ saa! Yɛn mmara mma ho ɛkwan sɛ wɔbu aburoo Homeda.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Na Farisifo no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔyɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 2:24
18 Iomraidhean Croise  

na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babaa, w’akoa ne w’afenaa ne wo mmoa ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo fie apono mu.


Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no yɛ ɔhome mu homeda a ɛyɛ kronkron ma AWURADE; obiara a ɔyɛ adwuma homeda no, kum na wɔbɛku no.


Nhyira ne ɔdasani a ɔyɛ yei, ne onipa ba a ɔkura mu no, deɛ ɔdi homeda a ɔngu ho fi na ɔhwɛ ne nsa na anyɛ bɔne biara no.


Na sɛ AWURADE ka nie: Ayitotofoɔ a wɔdi me homeda na wɔyi adeɛ a ɛsɔ m’ani na wɔkura m’apam mu no,


Na ananafoɔ a wɔabɛbata AWURADE ho sɛ wɔresom no, na wɔadɔ AWURADE din, na wɔabɛyɛ no nkoa no, obiara a ɔdi homeda a ɔngu ho fi, ne wɔn a wɔkura n’apam mu no,


Sɛ wosianka wo nan homeda na me da kronkron no woanyɛ deɛ wo pɛ, na wofrɛ me homeda sɛ anigyedeɛ, ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ anidie, na wodi no ni na woamfa wo ara w’akwan so, na woanyɛ deɛ wo ara wo pɛ, na woankeka nsɛm hunu a,


Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafoɔ yɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda.


Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Farisifoɔ mu no hunuu sɛ ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie yi?


Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkanee deɛ Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛhiaa no, na ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?


Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara?


Na monsusu deɛ ɔtoo ne bo ase, tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfoɔ de tuaa n’ano bebree no ho yie, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan