Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 2:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ redi abuada; na nnipa bi bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ di abuada, na w’asuafoɔ deɛ, wɔnni abuada?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ redi abuada; na nnipa bi bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ di abuada, na w’asuafoɔ deɛ, wɔnni abuada?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Da bi a Osuboni Yohane akyidifo ne Farisifo no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Adɛn nti na Yohane ne Farisifo no akyidifo di mmuada na wʼakyidifo de, wonni mmuada?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛda bi a Yohane Osubɔni akyidifoɔ ne Farisifoɔ no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na Yohane ne Farisifoɔ no akyidifoɔ di mmuada na wʼakyidifoɔ deɛ, wɔnni mmuada?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na Yohane asuafo ne Farisifo redi mmuada; na nnipa bi bebisaa no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafo ne Farisifo asuafo di mmuada, na w’asuafo de, wonni mmuada?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 2:18
8 Iomraidhean Croise  

Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntadeɛ ano nnwo akɛseɛ.


Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ no, na wɔnyinyane wɔn anim sɛdeɛ nnipa bɛhunu sɛ wɔredi mmuada. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.


na nnipa anhunu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Ayeforɔkunu ne wɔn wɔ hɔ yi, ayeforɔhyia ahɔhoɔ no bɛtumi adi abuada anaa? Mmerɛ dodoɔ a ayeforɔkunu no wɔ wɔn nkyɛn no deɛ, wɔrentumi nni abuada.


Medi mmuada dapɛn mu mprenu, mede deɛ menya nyinaa so ntotosoɔ du du mema.


Na wɔnnim Nyankopɔn tenenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ara tenenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Nyankopɔn tenenee ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan