Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 2:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na Yesu teeɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no. Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Na Yesu teeɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no. Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Yesu tee nea wɔkae no, obuaa wɔn se, “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafo ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ atreneefo sɛ wɔnsakra wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ, “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ teneneefoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfoɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Na Yesu tee no, osee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, enhia wɔn ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare no. Mammɛfrɛ treneefo na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 2:17
21 Iomraidhean Croise  

Mommra mma yɛmfa adwene ɛ, AWURADE na ɔseɛ; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa sɛ nwera, sɛ ɛbere sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akaadoo.


Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya, na onipa huhuo nnane n’adwene nnya, na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nnaadaa sene adeɛ nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara, hwan na ɔbɛnya mu ahunuyɛ?


Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


Saa ara na mese mo sɛ: Anigyeɛ ba Nyankopɔn abɔfoɔ anim ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho.


Na ɔbua see agya no sɛ: Hwɛ mfirinhyia dodoɔ yi a mede masom woɔ, nso mentoo wo mmara da; nanso wommaa me abirekyie ba bi sɛ me ne me nnamfonom mfa nkɔgye yɛn ani da.


Mese mo sɛ: Saa ara na anigyeɛ bɛba soro, ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho, sene nnipa tenenee aduɔkron nkron a ɛnhia wɔn adwensakyera.


Na ɔsee wɔn sɛ: Moyɛ wɔn a wɔbu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔnim mo akoma mu. Na deɛ ɛyɛ kɛseɛ nnipa mu no yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn anim.


Na Onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabɛgye deɛ ayera.


Wɔbua see no sɛ: Wo deɛ, bɔne mu koraa na wɔwoo woɔ, na wo na wokyerɛkyerɛ yɛn? Na wɔpamm no firii adi.


Na Farisifoɔ no mu bi a wɔne no wɔ hɔ no tee nsɛm yi, na wɔsee no sɛ: Na yɛn nso yɛyɛ anifirafoɔ?


na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ.


na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kane, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakyera wɔn adwene, na wɔnnane mmra Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakyera.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan