Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 2:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔsɔreeɛ, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ firii wɔn nyinaa anim kɔeɛ; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ: Yɛnhunuu sei bi da!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔsɔreeɛ, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ firii wɔn nyinaa anim kɔeɛ; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ: Yɛnhunuu sei bi da!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Obubuafo yi sɔre bobɔw ne kɛtɛ, na ɔde anigye ne ahosɛpɛw faa nnipadɔm no mu kɔe. Nnipa no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Onyankopɔn se, “Yenhuu eyi bi da!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Obubuafoɔ yi sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, na ɔde anigyeɛ ne ahosɛpɛ faa nnipadɔm no mu kɔeɛ. Nnipa no ho dwirii wɔn, ma wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ, “Yɛnhunuu yei bi da!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔsɔree, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ fii wɔn nyinaa anim kɔe; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam kae sɛ: Yenhuu saa bi da!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 2:12
13 Iomraidhean Croise  

Na nkurɔfoɔ akuakuo no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no nie?


maa no yɛɛ nkurɔfokuo no nwanwa, berɛ a wɔhunuu sɛ emum rekasa, na mpakye ho sane, na mmubuafoɔ nanteɛ, na anifirafoɔ hunu adeɛ; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn animuonyam.


Na ɔtuu honhommɔne no no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Wɔnhunuu saa bi da wɔ Israel.


Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no animuonyam.


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri maa wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforɔ! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi mpo na wɔtie no.


Mese wo sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie!


Na ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtenee, na ɔyii Onyankopɔn ayɛ.


Na wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho asan no no, ɔsanee n’akyi de nne kɛseɛ bɛyii Onyankopɔn ayɛ,


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, na ehu kaa wɔn pii, na wɔkaa sɛ: Ɛnnɛ deɛ, yɛahunu anwanwadeɛ.


Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifoɔ kɛseɛ asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.


Na nkurɔfokuo no mu pii gyee no dii, na wɔkaa sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bebree asene yeinom a oyi ayɛ yi?


Ɛfiri wiase mfitiaseɛ, wɔntee sɛ obi abue deɛ wɔwoo no onifirani ani pɛn.


Na wɔteateaa wɔn bio no, wɔgyaa wɔn, na ɔman no nti wɔnhunu sɛdeɛ wɔbɛtwe wɔn aso, ɛfiri sɛ, ɛnam deɛ na asie no nti, wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan