Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 16:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ kɔ kɔkaa asɛm mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma, nam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.] Amen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ kɔ kɔkaa asɛm mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma, nam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.] Amen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Eyi akyi no, asuafo no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ahorow nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkae no mu den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Yei akyi no, asuafoɔ no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ahodoɔ nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no mu den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na wɔn de, wofii hɔ kɔe kɔkaa asɛm no mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma nam nsɛnkyerɛnne a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 16:20
15 Iomraidhean Croise  

Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasaeɛ akyiri no, wɔfaa no kɔɔ soro, na ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.


Ɛsiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntam no nnidisoɔ nnidisoɔ,


sɛdeɛ wɔn a wɔfiri mfitiaseɛ de wɔn ani hunuiɛ na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfoɔ no de abrɛ yɛn no nti,


Enti wɔtenaa hɔ kyɛree, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii n’adom asɛm no ho adanseɛ, na ɔnam wɔn nsa so maa wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ.


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi.


Na wɔnam asomafoɔ no nsa so yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ pii ɔman no mu. Na wɔn nyinaa de akoma korɔ wɔ Salomo abrannaa so.


nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie firi Yerusalem ne nkuro a atwa ho ahyia so akɔduru Iliriko.


Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ monnnye Nyankopɔn adom no kwa.


yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn,


na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan