Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 16:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Wobeso awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduru bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔbɛsɔ awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduro bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa bɛgu ayarefoɔ so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom awuduru biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 16:18
21 Iomraidhean Croise  

Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


Wobɛnante gyata ne ahuritia so, wobɛtiatia gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so.


na ɔsrɛɛ no pii sɛ: Me babaa rewu, na bra na fa wo nsa bɛgu ne so, na ne ho nyɛ no den, na ɔnnya nkwa.


Hwɛ, mema mo tumi sɛ montiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee.


na ɛmaa wɔde ne ho nnuku anaa nsɛnanimu mpo bɛguu ayarefoɔ so, na nyarewa no firii wɔn so, na ahonhommɔne firii wɔn mu.


Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?


Na ɛnam ne din mu gyidie so, na ne din ama oyi a mohu no, na monim no yi ho ayɛ no den. Aane, gyidie a ɛnam Yesu soɔ no na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.


mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhunu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu, a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asane yi.


Na onipa a wɔyɛɛ ayaresa nsɛnkyerɛnneɛ yi wɔ ne ho no adi boro mfirinhyia aduanan.


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Aenea, Yesu Kristo sa wo yadeɛ. Sɔre, na wo ara sɛ wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara.


na asomdwoeɛ Nyankopɔn no bɛpɛkyɛ Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.


Ɔfoforɔ nso wɔma no gyidie, Honhom korɔ no ara mu; obi nso wɔma no ayaresa adom akyɛdeɛ, Honhom korɔ no ara mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan