Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 15:43 - New Revised Asante Twi Bible

43 Yosef a ɔfiri Arimatea, ɔbadwani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no de akokoɔduro kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

43 Yosef a ɔfiri Arimatea, ɔbadwani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no de akokoɔduro kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 baguani nuonyamfo bi a wɔfrɛ no Yosef, a ofi Arimatea a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no se, ɔmfa Yesu amu no mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 ɔbadwani animuonyamfoɔ bi a, wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a, na ɔretwɛn ɛberɛ a Onyankopɔn Ahennie no bɛba no de akokoɔduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ, ɔmfa Yesu amu no mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

43 Yosef a ofi Arimatea, baguani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 15:43
16 Iomraidhean Croise  

Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.


Saa na akyikafoɔ bɛdi kan, na adikanfoɔ adi akyire; (na wɔafrɛ bebree nanso kakraa bi na wɔayi wɔn.)


Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔdefoɔ bi a ɔfiri Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso yɛ Yesu suani baeɛ;


Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya.


Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa, ɛfiri sɛ na ɔnnim sɛ wawu ampa anaa! na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so panin no bisaa no sɛ ɔwuiɛ akyɛ anaa?


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi tene, ɔsuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ no, na Honhom Kronkron wɔ ne so.


Na dɔn no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgyeɛ a wɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.


Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔyɛ badwani na ɔyɛ onipa pa na ɔtene


no deɛ, wampene wɔn agyina ne wɔn nneyɛɛ no so. Ɔfiri Yudafoɔ kuro Arimatea mu, na ɔno ara nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no.


Na yeinom akyiri no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafoɔ ho hu nti, ɔyɛɛ no kokoam no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no nyi Yesu amu no; na Pilato maa no ɛho kwan. Na ɔba bɛyii n’amu no.


Na Yudafoɔ no hwanyann mmaa nyamesurofoɔ a wɔwɔ din ne kuro no mu atitire, na wɔmaa ɔtaa baa Paulo ne Barnaba so, na wɔpamm wɔn firii wɔn asase so.


Enti wɔn mu bebree gye dii, wɔne Helafoɔ mmaa a wɔwɔ din ne mmarima no mu fa kɛseɛ ara.


na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a, sɛ wɔka Nyankopɔn asɛm no a, wɔnsuro.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan