Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 15:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Na ɛbɔɔ awia nɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A nkyerɛaseɛ ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Na ɛbɔɔ awia nɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A nkyerɛaseɛ ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Yesu de nne kɛse teɛɛ mu se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Nyankopɔn, Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Onyankopɔn, Me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 Na dɔn a ɛto so akron no mu no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A ne nkyerɛase ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 15:34
16 Iomraidhean Croise  

Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, deɛn nti na woagya me? Me su a mesu mefrɛ woɔ ne me nkwagyeɛ ntam ware.


Nyi w’anim nhunta me, mfa abufuo mpamo w’akoa. Me boafoɔ ne wo, nto me ntwene, na nnya me, me nkwagyeɛ Nyankopɔn.


Mɛbisa me Nyankopɔn ne me botan no, sɛ: Adɛn nti na wo werɛ afiri me? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?


ka sɛ: Onyankopɔn apa no; monti no nkye no, na obi nni hɔ a ɔbɛgye no.


Mmɔborɔfoɔ ne ahiafoɔ a wɔhwehwɛ nsuo a ebi nni hɔ na sukɔm nti wɔn tɛkyerɛma so awoɔ no, me, AWURADE mɛgye wɔn so, me, Israel Nyankopɔn, merennya wɔn.


Ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi? Monhwɛ na monhunu sɛ ɔyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yea, a aka me yi, a AWURADE de aho me werɛ n’abufuhyeɛ da no!


Ɛdeɛn nti na wo werɛ firi yɛn ma no kyɛre saa, na woagya yɛn dadadada yi?


na meda so merekasa me mpaebɔ mu no, Ɔbɔfoɔ Gabriel a mehunuu no anisoadehunu mu akane no tuu ntɛmntɛm bɛkaa me, anwummerɛ afɔrebɔ berɛ mu.


Na ɛfiri bɛyɛ awia dummienu berɛ no, esum duruu asase nyinaa so kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa.


Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?


Na ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.


Na wɔn a wɔgyina hɔ binom teeɛ no, wɔkaa sɛ: Hwɛ, ɔrefrɛ Elia!


Na ɛbɛyɛ awia dummienu no, esum duruu asase nyinaa so de kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa.


Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ! Na ɔkaa saa no, ɔgyaa mu.


Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu anisoadeɛ pefee sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kornelio!


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan