Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 15:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na wɔwiee ne ho agorɔdie no, wɔyii atadeɛ kɔkɔɔ no, de ɔno ara n’atadeɛ hyɛɛ no. Na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na wɔwiee ne ho agorɔdie no, wɔyii atadeɛ kɔkɔɔ no, de ɔno ara n’atadeɛ hyɛɛ no. Na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Wodii ne ho fɛw wiee no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ no, na wɔde ɔno ara nʼatade hyɛɛ no, de no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asennua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ no, ɛnna wɔde ɔno ara nʼatadeɛ hyɛɛ no, de no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na wowiee ne ho fɛwdi no, woyii atade kɔkɔɔ no, de n’ankasa atade hyɛɛ no. Na wɔde no kɔe sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 15:20
4 Iomraidhean Croise  

Na wɔwiee ne ho agorɔ die no, wɔyii akatakɔnmu no firii ne ho, na wɔde ɔno ara n’atadeɛ hyɛɛ no, na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.


Na wɔde demmire paee n’apampam, na wɔtotoo ntasuo guu ne so, na wɔbuu nkotodwe sɔree no.


Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.


Ɛno na afei ɔyii no maa wɔn hyɛɛ sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Na wɔfaa Yesu de no kɔeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan