Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 15:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na Pilato bisaa wɔn sɛ: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteaa mu dendeenden sɛ: Bɔ no asɛnnua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na Pilato bisaa wɔn sɛ: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteaa mu dendeenden sɛ: Bɔ no asɛnnua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Pilato bisaa wɔn bio se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Bɔ no asennua mu!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteɛɛm dennennen sɛ: Bɔ no asɛnnua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 15:14
24 Iomraidhean Croise  

Wɔn a wɔtane me kwa dɔɔso sene me tiri so nwi, m’asɛefoɔ a wɔyɛ m’atamfoɔ atorofoɔ dɔɔso, deɛ memfaeɛ no, wɔse mennane memma.


Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no, ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ, na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no, na yɛammu no hwee.


Na wɔmaa ne damena fraa abɔnefoɔ ne ɔdefoɔ deɛ mu wɔ ne wuo mu, nanso wanni abɔnefosɛm, na nnaadaa nni n’anomu.


Na ɔte atemmuo adwa soɔ no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa tenenee no ntam; na ne nti mahunu amane pii ɔdaeɛ mu nnɛ.


Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Ɛnna wɔse: Ɛfa yɛn ho bɛn? Wo ara w’asɛm!


Na asraafoɔ ha so panin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no hunuu asasewosoɔ ne nnoɔma a ɛsisiiɛ no, wɔsuroo pii, kaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn ba nie!


Na wɔteaa mu bio sɛ: Bɔ no asɛnnua mu!


Na Pilato pɛɛ sɛ ɔsɔ nkurɔfoɔ no ani nti, ɔgyaee Baraba maa wɔn; na Yesu deɛ, ɔhwee no mpire no, ɔyii no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.


Na wɔteaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu, bɔ no asɛnnua mu!


Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Menhunu afobusɛm biara onipa yi mu.


Na yɛn deɛ, deɛ ɛtene pɛpɛɛpɛ, na yɛanya deɛ ɛsɛ yɛn nneyɛɛ no; na oyi deɛ, ɔnyɛɛ mfomsoɔ adeɛ biara.


Na asraafoɔ ɔha so panin no hunuu deɛ asie no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa tenenee.


Pilato see no sɛ: Ɛdeɛn ne nokorɛ? Na ɔkaa yei no, ɔfirii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn bio na ɔsee wɔn sɛ: Me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no hunuu no no, wɔteateaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛnnua mu! Na me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.


Na wɔanhunu adeɛ biara a ɛfata owuo wɔ ne mu, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ wɔnku no.


Nanso wɔhunuu sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne korɔ teaa mu bɛyɛ nnɔnhwereɛ mmienu sɛ: Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ!


Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.


na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a ɔnni dɛm ne nkekaeɛ no mogya a ne boɔ yɛ den no na ɛgyee mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan