Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 14:61 - New Revised Asante Twi Bible

61 Nanso ɔmuaa n’ano na wammua bi. Na ɔsɔfo panin no bisaa no bio, na ɔsee no sɛ: Wone Kristo no, Deɛ Wɔahyira no no ba no anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

61 Nanso ɔmuaa n’ano na wammua bi. Na ɔsɔfo panin no bisaa no bio, na ɔsee no sɛ: Wone Kristo no, Deɛ Wɔahyira no no ba no anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

61 Yesu ammua no. Afei, Ɔsɔfopanyin no bisaa no bio se, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no ana?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

61 Yesu ammua no. Afei, Ɔsɔfopanin no bisaa no bio sɛ, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no anaa?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

61 Nanso omuaa n’ano, na wammua bi. Na ɔsɔfo panyin no bisaa no bio, na osee no sɛ: Wone Kristo no, nea wohyira no no ba no anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 14:61
30 Iomraidhean Croise  

Nhyira ne wo, AWURADE, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.


Na mɛka no deɛ AWURADE ahyɛ no. AWURADE ase me sɛ: Me ba ne wo, ɛnnɛ na mawo woɔ.


Matɔre mum, memmue m’ano, ɛfiri sɛ wo na woayɛ.


Wɔhyɛɛ no aniɛyaa na wɔpiraa no, nanso ɔno deɛ wammue n’ano, sɛ adwammaa a wɔde no rekɔ akɔkum no, sɛ odwanten a watɔ ne ho nwitwitwafoɔ anim mum no, saa no wammue n’ano.


Na Simon Petro buaa sɛ: Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefoɔ no ba!


Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.


Na hwɛ, wɔteateaa mu sɛ: Ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Nyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ worebɛteetee yɛn ansa na ɛberɛ no aduru anaa?


Na ɔsɔfo panin no sɔre gyinaa mfimfini bisaa Yesu sɛ: Wommua bi? Ɛdeɛn ho na yeinom redi adanseɛ tia woɔ yi?


Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ: Wo na woreka.


Na mahunu na madi adanseɛ sɛ, oyi ne Nyankopɔn ba no.


Ɛnna Yudafoɔ bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, na wɔsee no sɛ: Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee?


adɛn nti na moka deɛ Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, ɛnam sɛ mekaa sɛ: Nyankopɔn Ba ne me?


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene ne no? Yesu buaa sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne.


Yudafoɔ no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti ɛtwa sɛ ɔwuo, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba.


na ɔhyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔbisaa Yesu sɛ: Wofiri he? Na Yesu ammua no.


Nso atwerɛ no mu asɛm a ɔrekenkan no nie: Wɔde no kɔɔ sɛ odwanten a wɔrekɔku no, na sɛ adwammaa tɔ ne yifoɔ anim mum no, sɛ nso wammue n’ano ne no.


sɛdeɛ nhyira Nyankopɔn animuonyam asɛmpa a wɔde ahyɛ me nsa no teɛ no.


Ɛno na deɛ ɔbɛkyerɛ ɛberɛ a ɛsɛ mu ne ahotɔ tumfoɔ koro no, ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade,


Ɔno na wɔyaa no, na wanya bie, ɔhunuu amane, nanso wanhunahuna, na mmom ɔde n’asɛm hyɛɛ deɛ ɔbu atɛntenenee no nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan