Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 14:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Na deɛ ɔyii no maeɛ no ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ: Deɛ mɛfe n’ano no, ɔne no, monkye no, na monsɔ no mu yie mfa no nkɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

44 Na deɛ ɔyii no maeɛ no ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ: Deɛ mɛfe n’ano no, ɔne no, monkye no, na monsɔ no mu yie mfa no nkɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Na Yuda aka akyerɛ wɔn dedaw se, “Nea mefew nʼafono no; ɔno ne nea morehwehwɛ no no. Monkyere no, na munso ne mu yiye mfa no nkɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Na Yuda aka akyerɛ wɔn dada sɛ, “Deɛ mɛbam no, ayɛ no atuu no, ɔno ne deɛ morehwehwɛ no no. Monkyere no, na monsɔ ne mu yie mfa no nkɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

44 Na nea oyii no mae no ama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ: Nea mefew n’ano no, ɔne no, monkyere no, na monso no mu yiye mfa no nkɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 14:44
13 Iomraidhean Croise  

Na mogya no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mo, afie a mowowɔ mu no mu, na sɛ mehunu mogya no a, masiane mo ho, na merebɔ Misraim asase a, ɔyaredɔm biara amma mo so ammɛsɛe mo.


Ɔdɔfoɔ pira yɛ nokorɛ, na ɔtamfoɔ mfeano yɛ nsisie.


Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no abɛn!


Na amonom hɔ ara, ɔgu so rekasa no, Yuda, dummienu no mu baako, bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn ka ne ho.


Na ɔduruiɛ no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Rabi! Na ɔfee n’ano.


Na wɔkaa wɔn mmaa pii no, wɔde wɔn kɔguu afiase hyɛɛ ofiasehwɛfoɔ no nsa sɛ ɔmfa wɔn nsie yie.


na mommma atamfoɔ nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ yera a wɔbɛyera no nsɛnkyerɛnneɛ ma wɔn, nanso mo deɛ ɛyɛ nkwagyeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ ma mo, na yei firi Onyankopɔn,


Me Paulo nkyea a mede me ara me nsa metwerɛeɛ. Yei di adanseɛ wɔ me nwoma nyinaa mu sɛ ɔkwan a mefa so twerɛ nie.


Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yie yi, mo nso mobɛyɛ m’agya fie yie, na momma me nokorɛ nsɛnkyerɛnneɛ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan