Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 14:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Na ɔbaa ne mprɛnsa so, na ɔsee wɔn sɛ: Afei deɛ, monna, na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Na ɔbaa ne mprɛnsa so, na ɔsee wɔn sɛ: Afei deɛ, monna, na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Ɔsan baa ne mprɛnsa so no, obisaa wɔn se. “Moda so adeda a morehome? Bere a ɛsɛ sɛ mode da no atwa mu. Wɔrebeyi me ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Ɔsane baa ne mprɛnsa so no, ɔbisaa wɔn sɛ. “Mogu so adeda a morehome? Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ mode da no atwam. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Na ɔbae ne mprɛnsa so, na osee wɔn sɛ: Afei de, monna na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ, wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 14:41
23 Iomraidhean Croise  

Na ɛduruu awigyina no, Elia sii wɔn atwetweɛ goroo wɔn ho, na ɔkaa sɛ: Momfa nne kɛseɛ mfrɛ na onyame ne no! Sɛsɛɛ ɔredwene, anaasɛ wafiri adi rekɔgya ne nan, anaasɛ ɔnam kwan so; ebia wada, na wanyane.


Ɛnna ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mikaia, yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yɛnnyae? Na ɔbuaa no sɛ: Kɔ na kɔdi nim, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa.


Na Elisa ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Kɔ w’agya adiyifoɔ ne wo na adiyifoɔ no nkyɛn! Na Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na AWURADE afrɛ ahemfo baasa yi ahyia sɛ ɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa.


Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu.


Na mo, Israel fie, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuo ɛ, seesei ne daakye, sɛ moantie me a, ɛnneɛ na mommfa mo ayɛyɛdeɛ ne mo abosonhuhuo no ngu me din kronkron no ho fi bio.


Monim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wɔbɛyi onipa ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu.


Na Yuda Iskariot, dummienu no mu baako, sii mu kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn sɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn.


Na wɔte hɔ redidie no, Yesu kaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a mone me redidie yi mu baako bɛyi me ama.


Na ɔkɔɔ n’anim kakra kɔbutuu fam, na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, dɔn no nsiane ne ho nkɔ.


Na ɔsane ba bɛhunuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani twan so, na wɔnhunu deɛ wɔmfa mmua no.


Monsɔre mma yɛnkɔ; hwɛ deɛ ɔreyi me ama no abɛn!


Na ɔsee wɔn sɛ: Mofa nyansa kwan so po Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛdi mo atetesɛm soɔ!


Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafoɔ no, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔde Onipa Ba no bɛhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na wɔkum no a, ne nnansa so ɔbɛsɔre.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no aduru sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam.


Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu.


Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam,


Enti na anka wɔrehwehwɛ no akye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.


Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefie no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankye no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.


Adiyifoɔ no mu hwan na mo agyanom antaa no? Na wɔkumm wɔn a wɔkaa Ɔteneneeni no ba no ho asɛm kane no; ɔno na afei moayi no ama wɔaku no,


Monkɔ nkɔsu mfrɛ anyame a moayi wɔn no, na wɔnnye mo mo ahohia berɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan