Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 14:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Na ɔsee wɔn sɛ: Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de kɔ owuo mu; montena ha, na monwɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Na ɔsee wɔn sɛ: Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de kɔ owuo mu; montena ha, na monwɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awerɛhow ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 Na osee wɔn sɛ: Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu; montena ha, na monwɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 14:34
10 Iomraidhean Croise  

Saa nti mɛkyɛ adeɛ mu mama no nnipa bebree mu na ɔne ahoɔdenfoɔ akyɛ asadeɛ, ɛfiri sɛ ɔde ne kra too hɔ maa owuo, na wɔabu no afra mmaratofoɔ mu, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofoɔ.


Ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi? Monhwɛ na monhunu sɛ ɔyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yea, a aka me yi, a AWURADE de aho me werɛ n’abufuhyeɛ da no!


Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de rekɔ owuo mu; montena ha na mo ne me nwɛn.


Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu.


Nanso adeɛ nyinaa awieeɛ abɛn. Enti momma mo adwene mu nte na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan