Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 14:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na wɔte hɔ redidie no, Yesu kaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a mone me redidie yi mu baako bɛyi me ama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na wɔte hɔ redidie no, Yesu kaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a mone me redidie yi mu baako bɛyi me ama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae se, “Merema mo ate ase sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako beyi me ama.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kaa sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako bɛyi me ama.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo a mo ne me redidi yi, mo mu biako beyi me ama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 14:18
36 Iomraidhean Croise  

M’adamfo pa mpo a mede me ho metoo ne soɔ a ɔdii m’aduane bie no, wama ne nantin so atia me.


Na wɔredidie no, ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo mu baako rebɛyi me ama.


Na nokorɛ mese mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, atwerɛdeɛ ketewa baako anaa nsensaneeɛ baako mpo remfiri mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.


Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ no, na wɔnyinyane wɔn anim sɛdeɛ nnipa bɛhunu sɛ wɔredi mmuada. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.


Enti woreyɛ adɔeɛ a, nhyɛn totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyia adan mu ne aborɔno soɔ, sɛdeɛ wɔbɛnya nnipa anim animuonyam. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.


Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ no; na wɔpɛ sɛ wɔgyina hyia adan mu, ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, na nnipa ahu wɔn. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.


Nokorɛ mese mo sɛ: Obiara a ɔrennye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra no, ɔrenkɔ mu koraa.


Na Yesu kaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ obiara nni hɔ a wagya efie anaa nua mmarimanom, anaa nua mmaanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa nsase, me ne asɛmpa no nti,


Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔne dummienu no baeɛ.


Na wɔn werɛ hoe, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no mmaako mmaako sɛ: Ɛyɛ me?


Nokorɛ mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio de bɛkɔ akɔsi da a mɛnom no foforɔ Nyankopɔn ahennie no mu.


Nokorɛ mese mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, deɛ ɔbaa yi ayɛ yi nso wɔbɛka de ayɛ no nkaeɛ.


Nokorɛ mese mo sɛ, wɔde nnipa mma bɔne ne abususɛm a wɔbɛka nyinaa bɛkyɛ wɔn;


Na wɔn a wɔrennye mo, na wɔrentie mo asɛm no, sɛ morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo nni wɔn adanseɛ.


Na ɔguu ahome ne honhom mu kaa sɛ: Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi? Nokorɛ mese mo sɛ, wɔremma nnɛ mma yi nsɛnkyerɛnneɛ biara.


Na ɔsee wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ wɔn a wɔgyina ha yi binom wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ, de bɛkɔ akɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie no sɛ ɛde tumi aba.


Na obiara a ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom wɔ me din mu, sɛ moyɛ Kristo dea nti, nokorɛ mese mo sɛ: N’akatua remmɔ no.


ɛfiri Habel mogya so de kɔsi Sakaria a ɔtɔɔ afɔrebukyia ne asɔredan ntam no mogya so. Aane, mese mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam.


Nso hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no ne me te pono ho didi.


Ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, wɔmpɛ odiyifoɔ biara agye no n’agya kurom.


Na Yesu see no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, mobɛhunu ɔsoro sɛ abue, na Nyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.


Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me deɛ, menim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu sɛ: Deɛ ɔdi me paanoo no na wama ne nantin so atia me.


Yesu kaa saa no, ne ho yeraa no honhom mu, na ɔdii adanseɛ sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mo mu baako bɛyi me ama.


Ɛnna asuafoɔ no hwehwɛɛ wɔn ho anim, wɔnhunu onii korɔ a ɔne no.


Yesu buaa no sɛ: Wode wo nkwa bɛto hɔ ama me anaa? Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.


Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ, woyɛ aberanteɛ no, wobɔɔ abɔsoɔ, na wokɔɔ faako a wopɛ; na wonya bɔ akora a, wobɛtene wo nsa, na obi abɔ wo abɔsoɔ, na ɔde wo akɔ faako a wompɛ.


Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ; nanso monnye yɛn adanseɛ no.


Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforɔ a, ɔrentumi nhunu Nyankopɔn ahennie no.


Yesu buaa sɛ: Mereka no nokorɛ mu pefee akyerɛ wo sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu.


Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Ɔba no ara ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye deɛ wahunu Agya no sɛ ɔyɛ; ɛfiri sɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.


Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu nsɛnkyerɛnneɛ nti na mohwehwɛ me, na sɛ modii paanoo no bie na momeeɛ ntira.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo paanoo a ɛfiri soro no, na mmom m’agya na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye die no wɔ daa nkwa.


Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mayi mo dummienu yi anaa? Nso mo mu baako yɛ ɔbonsam!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan