Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 14:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na wɔteeɛ no, ɛyɛɛ wɔn anigyeɛ, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama, ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na wɔteeɛ no, ɛyɛɛ wɔn anigyeɛ, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama, ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Asɔfo mpanyin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Efi saa bere no, ɔhwehwɛɛ sɛnea obenya Yesu ho kwan, ayi no ama bere a ɛsɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Asɔfoɔ mpanin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya Yesu ho ɛkwan, ayi no ama ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn anigye, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛe sɛnea obenya kwan ayi no ama bere a ɛsɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 14:11
14 Iomraidhean Croise  

Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: Woahu me, me tamfo? Na ɔse: Mahu wo, ɛfiri sɛ woatɔn wo ho ayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na ɔbisaa no sɛ: M’akoma ne wo ankɔ berɛ a ɔbarima no danee ne ho firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa woɔ no anaa? Berɛ a wɔgye dwetɛ na wɔgye ntadeɛ ne ngo nnua ne bobe nturo ne nnwan ne anantwie ne nkoa ne mfenaa nie?


Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye, na wɔde wɔn atorosɛm yɛ mmapɔmma saa ara.


Ɛnna dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn


sɛ: Ɛdeɛn na mobɛma me na mayi no ahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbena aduasa de maa no.


Na Yuda Iskariot, dummienu no mu baako, sii mu kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn sɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn.


Na Apiti da a ɛdi kan a wɔkum Twam dwan no, n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: Ɛhefa na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma wokɔdi Twam no?


Na Satan kɔhyɛnee Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dummienu no mu baako no mu.


Na bɔne nyinaa nhini ne sikapɛ mmorosoɔ a ebinom dii akyire yeraa kwan na wɔde yea pii wowɔɔ wɔn ho.


Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so, na mfasoɔ nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera sɛ Kora wɔ atuateɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan