Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 14:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ aduro no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ akye no nyansa mu, na wɔakum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ aduro no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ akye no nyansa mu, na wɔakum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Aka nnaanu na Twam ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafo ahomegye nna no adu no, asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ nyansa kwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Aka nnanu na Twam Afahyɛ ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafoɔ ahomegyeɛ nna no aduru no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ nyansakwan a wɔbɛfa so akye Yesu, akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ adu no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no hwehwɛe sɛnea wɔbɛyɛ akyere no nyansam na wɔakum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 14:1
23 Iomraidhean Croise  

Na ne nuanom hunuu no akyirikyiri na ɔnnya nnuruu wɔn nkyɛn no, wɔpamm ne tiri so sɛ wɔbɛku no.


Wopɛ bɔne sene papa, wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka deɛ ɛtene.


Ampa ara, wɔatu agyina sɛ wɔbɛtu no so. Wɔpɛ atorɔdie, wɔde wɔn ano hyira, nanso wɔn mu deɛ, wɔdome.


Ampa ara, nnipa mma yɛ huhuo, mmarima mma yɛ atorɔdeɛ. Wɔgu nsaniam a, ɛhwan kɔ soro, wɔn nyinaa yɛ huhuo.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Misraim asase so sɛ:


bubu mu asinasini, na hwie ngo gu so, aduane afɔdeɛ ne no.


Na Farisifoɔ no firi adi kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛkum no.


Enti woreyɛ adɔeɛ a, nhyɛn totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyia adan mu ne aborɔno soɔ, sɛdeɛ wɔbɛnya nnipa anim animuonyam. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.


Na Apiti da a ɛdi kan a wɔkum Twam dwan no, n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: Ɛhefa na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma wokɔdi Twam no?


Na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na basabasa amma ɔman no mu.


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no maa wɔkɔhyiaa badwafoɔ no, na wɔkaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ, ɛfiri sɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ pii.


Na Twam afahyɛ no rebɛduru no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wiase akɔ Agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ.


na ɔkyee no no, ɔde no kɔtoo afiase. Na ɔde no hyɛɛ asraafoɔ baanan a wɔwɛn bom saa ahodoɔ nnan nsa sɛ wɔnwɛn no. Na ɔpɛ sɛ Twam afahyɛ no akyiri no, ɔyi no kɔkyerɛ ɔman no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan