Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 13:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Nanso sɛ eyinom fi ase sɛ ɛreba a, monhwɛ yiye! Mobɛkɔ ɔhaw akɛse mu. Esiane sɛ mudi mʼakyi nti, wɔbɛtwe mo akɔ asennii; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanyimfo anim. Saa bere no ne bere pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Nanso, sɛ yeinom fiti aseɛ sɛ ɛreba a, monhwɛ yie! Mobɛkɔ ɔhaw akɛseɛ mu. Esiane sɛ modi mʼakyi enti, wɔbɛtwe mo akɔ asɛnniiɛ; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanimfoɔ anim. Saa ɛberɛ no ne berɛ pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na mo de, monhwɛ mo ho so yiye! Na wobeyi mo ama mpanyimfo bagua, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo begyina amradofo ne ahemfo anim na moadi adanse akyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 13:9
37 Iomraidhean Croise  

Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Na ɔsee no sɛ: Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na w’ahofire nti, kɔma deɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn!


Na Yesu fitii aseɛ see wɔn sɛ: Monhwɛ, na obi annaadaa mo.


Na ɔman bɛsɔre ɔman so na ahennie asɔre ahennie so, na asasewosoɔ bɛba mmeammea, na ɛkɔm bɛba. Yeinom ne awoɔko yea mfitiaseɛ.


Na wɔn a wɔrennye mo, na wɔrentie mo asɛm no, sɛ morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo nni wɔn adanseɛ.


Na wɔn a wɔrennye mo no, mofiri kurom hɔ rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mfa nni adanseɛ ntia wɔn.


Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wɔbɛdi mo deɛ so bi.


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


na ɔbaa yɛn nkyɛn no, ɔfaa Paulo abɔsoɔ de kyekyeree ne nan ne ne nsa kaa sɛ: Sɛdeɛ Honhom Kronkron seɛ ni: Ɔbarima a abɔsoɔ yi yɛ ne dea no, Yudafoɔ a wɔwɔ Yerusalem bɛkyekyere no saa ara, na wɔayi no ahyɛ amanaman nsa.


Na wɔtee yeinom no, wɔn ani bereeɛ, na wɔtwɛree wɔn se guu ne so.


Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu.


ɛfiri sɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mogye no die nko, na mmom sɛ ne nti mohunu amaneɛ nso,


Ɛno na ɛyɛ Nyankopɔn atɛntenenee agyiraeɛ, sɛ wɔbɛbu mo sɛ Nyankopɔn ahennie a mohunu ho amaneɛ no fata mo.


Monhwɛ mo ho yie, na moanhwere deɛ yɛayɛ adwuma anya no, na mmom moanya akatua mu.


Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahennie ne boasetɔ no mu yɔnkoɔ no, ɛsiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti, mewɔ supɔ a wɔfrɛ no Patmo no so.


Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.


Menim faako a woteɛ, deɛ Satan ahennwa sie, na wokura me din mu, na woampa me gyidie, nna a wɔkumm me danseni nokwafoɔ Antipa wɔ mo hɔ no mu, deɛ ɔbonsam teɛ hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan