Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 13:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no sɛ ɛgyina faako a ɛnsɛ no a, (ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ!) ɛno na ma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no sɛ ɛgyina faako a ɛnsɛ no a, (ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ!) ɛno na ma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 “Enti sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfo, hwɛ yiye! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nguan nkɔ mmepɔw no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 “Enti, sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfoɔ, hwɛ yie! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nnwane nkɔ mmepɔ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman no sɛ egyina nea ɛnsɛ no a, (ma nea ɔkenkan no nte ase!) Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 13:14
14 Iomraidhean Croise  

Ɔhohiahiafoɔ no atene ne nsa n’afɛfɛdeɛ nyinaa so, aane wahunu amanaman, sɛ wɔrehyɛne ne kronkronbea hɔ, nnipa a wohyɛɛ sɛ wɔnnhyɛne w’asafo mu no.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɔnanani biara a ɔyɛ akoma mu momonotoni ne honam mu momonotoni nnhyɛne me kronkronbea, ananafoɔ a ɛwɔ Israelfoɔ mu nyinaa mu,


Na ɔde asraafoɔ bɛsisi hɔ, na wɔagu kronkronbea ne aban no ho fi, na wɔayi daa afɔdeɛ no hɔ, na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman no asi hɔ.


Na ɛfiri berɛ a wɔbɛyi daa afɔdeɛ na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduɔkron.


Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforɔ no ka kyerɛɛ ɔbaako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wɔntiatia soɔ no ho adehunu no bɛkɔ akɔsie?


Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den mfeɛ nson; na ɛberɛ no mfimfini ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛadema agyae, na amamfoyɛ akyiwadeɛ no atifi na ɔsɛefoɔ bɛfiri bɛba, na ɛbɛkɔ so akɔsi sɛ ɔsɛeɛ pasaa a wɔahyɛ no pintinn bɛhwie agu amamfoyɛfoɔ no soɔ.


Moate yeinom nyinaa ase anaa? Wɔbuaa no sɛ: Aane.


Anuanom, monnyɛ mmɔfra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmɔfra; na adwene mu deɛ, monwie nyini.


Nhyira ne deɛ ɔkenkan ne wɔn a wɔtie adiyie nsɛm no, na wɔde deɛ wɔatwerɛ wɔ mu no sie; na ɛberɛ no abɛn.


Ɛha na wɔhwehwɛ nyansa. Deɛ ɔwɔ nteaseɛ mmu aboa no akonta no ntoano, na ɛyɛ onipa akonta ntoano, na n’akonta ntoano yɛ ahansia aduosia nsia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan