Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 13:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na sɛ wɔde mo rekɔ akɔyi mo ama a, monnnwennwene deɛ mobɛka ho ansa; na deɛ wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na sɛ wɔde mo rekɔ akɔyi mo ama a, monnnwennwene deɛ mobɛka ho ansa; na deɛ wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na sɛ wɔkyere mo de mo begyina asennii a, munninwene nea mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka nea Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo nea monka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na sɛ wɔkyere mo de mo bɛgyina asɛnniiɛ a, monnnwene deɛ mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka deɛ Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo deɛ monka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na sɛ wɔde mo rekɔ akoyi mo ama a, munnnwinnwen nea mobɛka ho ansa; na nea wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka! Efisɛ ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 13:11
25 Iomraidhean Croise  

AWURADE honhom nam me so kasa, na n’asɛm wɔ me tɛkyerɛma so.


AWURADE Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma, sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm bɛwowa deɛ wabrɛ; ɔnyane me daa anɔpa, ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ.


Na monhwɛ mo ho yie nnipa ho; na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ adwa, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu.


Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre awofoɔ so, na wɔama wɔakum wɔn.


Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn.


Na deɛ ɛdi yeinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa bɛsɔ mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim me din nti,


Yohane bua kaa sɛ: Onipa ntumi nnya biribi, gye sɛ wɔde firi soro ama no ansa.


Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.


Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoa Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam.


Na wɔwiee mpaebɔ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm.


nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasaeɛ no ano.


Na wɔn a wɔte dwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wɔhunuu sɛ n’anim te sɛ ɔsoro bɔfoɔ bi anim.


Nanso ɔno deɛ, na Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhwɛɛ soro dinn hunuu Nyankopɔn animuonyam ne Yesu sɛ ɔgyina Nyankopɔn nifa,


Nso deɛ yɛka no, ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ, na mmom deɛ Honhom no kyerɛkyerɛ na yɛde honhom adeɛ to honhom adeɛ ho.


a awoɔ ntoatoasoɔ bi mu, wɔamma nnipa mma anhunu, sɛdeɛ wɔayi no adi nnansa yi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron, wɔ honhom mu,


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.


Wɔyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho nko na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seesei yɛbɔ no dawuro kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firi soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhunu mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan