Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 12:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔsomaa ɔfoforɔ; na ɔno deɛ, wɔkumm no; ɛne afoforɔ pii nso, na wɔhwee ebinom, na wɔkumm ebinom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔsomaa ɔfoforɔ; na ɔno deɛ, wɔkumm no; ɛne afoforɔ pii nso, na wɔhwee ebinom, na wɔkumm ebinom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Onipa a ɔsomaa no bio no de, wokum no. Afoforo a akyiri no wɔkɔe no nso, wɔhwee ebinom, na wokum ebinom nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Onipa a ɔsomaa no bio no deɛ, wɔkumm no. Afoforɔ a akyire no wɔkɔeɛ no nso, wɔhwee ebinom, na wɔkumm ebinom nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔsomaa ɔfoforo; na ɔno de, wokum no; ɛne afoforo pii nso, na wɔhwee ebinom, na wokum ebinom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 12:5
11 Iomraidhean Croise  

Nanso wokuraa wɔn mfeɛ pii, na wode wo honhom nam w’adiyifoɔ so dii wɔn adanseɛ; na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsase no so aman nsa.


Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkumm wɔn.


Ao! Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ! Mprɛ ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!


Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛ mo, na mo akatua so wɔ soro; na saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii kan no.


Na bio ɔsomaa akoa foforɔ bi kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔpiraa no wɔ ne tirim, na wɔguu n’anim ase.


Nanso na aka no ɔbaako, ne ba a ɔdɔ no. Na akyire yi, ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba.


Na mese mo sɛ: Elia aba dada, na wɔayɛ no deɛ wɔpɛ nyinaa sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ ne ho no.


Enti monyɛ ntimmɔborɔ sɛdeɛ mo agya nso yɛ ntimmɔborɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan