Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 12:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na wɔfaa no hwee no maa no nam nsapan kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na wɔfaa no hwee no maa no nam nsapan kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso akuafo no boroo no, ma ɔde ne nsa pan san kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso, akuafoɔ no boroo no, ma ɔde ne nsapan sane kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔfaa no hwee no ma ɔnam nsapan kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 12:3
29 Iomraidhean Croise  

Wɔnkaa deɛ Isebel kumm AWURADE adiyifoɔ no, meyɛeɛ no nkyerɛɛ me wura, sɛ mefaa AWURADE adiyifoɔ mu mmarima ɔha, na mede wɔn aduonum aduonum mesiee ɔbodan mu, na me de aduane ne nsuo mehwɛɛ wɔn no?


Na ɛbaa sɛ Isebel retwitwa AWURADE adiyifoɔ aguo no, Obadia faa AWURADE adiyifoɔ ɔha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kɔsiesiee ɔbodan mu, na ɔde aduane ne nsuo hwɛɛ wɔn.)


Na ɔse: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya w’apam; w’afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w’adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me.


Na ɔse: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya w’apam: W’afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w’adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me.


na kɔka sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Momfa oyi nto nneduadan mu, na momma no ahohiahia aduane nni ne ahohiahia nsuo nnom kɔsi sɛ mɛba no dwoodwoo.


Na Asa nyaa ɔdehunufoɔ no ho abufuo, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, ɛfiri sɛ ɔfaa no yei ho abufuo. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛberɛ no mu.


Nanso wɔdii Nyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛw, na wɔbuu ne nsɛm no animtia, na wɔsereseree n’adiyifoɔ no de kɔsii sɛ AWURADE abufuhyeɛ no sɔre tiaa ne man no a wɔannya ano aduro.


Ɛnna wɔyɛɛ asobrakyeɛ na wɔtee w’anim atua, na wɔtoo wo mmara twenee wɔn akyire, na wɔkunkumm w’adiyifoɔ a wɔdii wɔn adanseɛ sɛ wɔde resane wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusudeɛ akɛseɛ.


Kwa ara kwa na mepiraa mo mma; wɔannye atenetene. Mo afena akunkum mo adiyifoɔ sɛ gyata a ɔsɛe adeɛ.


Pasur boroo Odiyifoɔ Yeremia, na ɔde no bɔɔ duam, Benyamin ponkɛseɛ a ɛwɔ soro, AWURADE fie mu no mu.


AWURADE ahyɛ wo sɔfoɔ asi Ɔsɔfoɔ Yehoiada ananmu, sɛ ɔhwɛfoɔ, sɛ hwɛ AWURADE fie nti, obiara a wabɔ dam na ɔhyɛ nkɔm, na woato no dua mu ne ɛdan mu nti,


Asɛm a woreka akyerɛ yɛn AWURADE din mu yi, yɛrentie wo,


Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!


Na ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa akoa kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ, ɔnkɔgye bobe turom aduaba no bi akuafo no hɔ.


Na bio ɔsomaa akoa foforɔ bi kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔpiraa no wɔ ne tirim, na wɔguu n’anim ase.


Adiyifoɔ no mu hwan na mo agyanom antaa no? Na wɔkumm wɔn a wɔkaa Ɔteneneeni no ba no ho asɛm kane no; ɔno na afei moayi no ama wɔaku no,


Wɔn na wɔkumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn pamm yɛn, nso wɔnsɔ Nyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan