Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 12:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na ɛfa awufoɔ nyane ho deɛ, monkenkanee no Mose nwoma mu wɔ wira no ho sɛdeɛ Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Na ɛfa awufoɔ nyane ho deɛ, monkenkanee no Mose nwoma mu wɔ wira no ho sɛdeɛ Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Afei nea ɛfa awufo nyan no ho nso, monkenkan Mose nhoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne nwura a na ɛhyew no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Afei, ɛfa awufoɔ owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee Mose nwoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne wira a na ɛrehyeɛ no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Na ɛfa awufo nyan ho de, monkanee Mose nhoma mu, wɔ nwura no ho, sɛnea Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 12:26
16 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no anadwo no ara kaa sɛ: Mene w’agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na medi w’akyi. Mɛhyira wo, na m’akoa Abraham nti mɛma w’asefoɔ adɔre.


Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ɔse: Mene AWURADE, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn; asase a woda soɔ yi mede bɛma wo ne w’asefoɔ.


Sɛ m’agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, ne Isak suro annyina m’akyiri a, anka afei wogyaa me kwan nsapan. Me brɛ ne me nsa ano adwumayɛ na Onyankopɔn hunuiɛ, na ɔkaa w’anim nnora anadwo.


Na Yakob kaa sɛ: M’agya Abraham Nyankopɔn ne m’agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wosee me sɛ: Sane kɔ w’asase so ne w’abusua mu, na mɛyɛ wo yie no,


Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔtoo no: El-elohe-Israel.


Kɔ, na kɔboaboa Israel mpanimfoɔ ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Hwɛ na mabɛhwɛ mo ne deɛ wɔreyɛ mo wɔ Misraim no.


Nso monkenkanee atwerɛ yi pɛn, sɛ: Ɛboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ;


Na wɔnya sɔre firi awufoɔ mu a, wɔnware, nso wɔmma awadeɛ, na wɔte sɛ abɔfoɔ wɔ soro.


Na ɛfa awufoɔ nyaneeɛ ho deɛ, Mose nso kyerɛɛ wɔ wura no ho asɛm no mu, sɛ ɔfrɛ Awurade sɛ: Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.


Yesu see no sɛ: Mfa wo nsa nka me, na mennya menkɔɔ ɔsoro, m’Agya nkyɛn. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.


Onyankopɔn ntoo ne man a ɔhunuu wɔn sieeɛ no ntweneeɛ. Anaasɛ monnim deɛ atwerɛ no ka fa Elia ho, sɛ ɔgyina Nyankopɔn anim bɔɔ Israelfoɔ kwaadu?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan