Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 12:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Na Yesu see wɔn sɛ: Ɛnyɛ nim a monnim atwerɛsɛm ne Nyankopɔn tumi nti na mofom yi anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Na Yesu see wɔn sɛ: Ɛnyɛ nim a monnim atwerɛsɛm ne Nyankopɔn tumi nti na mofom yi anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Yesu buaa wɔn se, “Mo mfomso a moyɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moyɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Na Yesu see wɔn sɛ: Ɛnyɛ onim a munnim kyerɛw nsɛm ne Nyankopɔn tumi nti na mofom so yi anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 12:24
25 Iomraidhean Croise  

Biribi yɛ AWURADE yɛna anaa? Berɛ a mahyɛ no, mɛsane aba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no na Sara anya ɔba.


Ɔbɛmene owuo akɔsi daa, na AWURADE Nyankopɔn bɛpepa ani nyinaa so nisuo, na wayi ne man ahohora afiri asase nyinaa so akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.


W’awufoɔ bɛnya nkwa, wɔn afunu bɛsɔre; monnyane nto ahurisie dwom, mo a mote mfuturo mu! Na wo bosuo yɛ hann bosuo, na asase bɛyi nsamanfoɔ agu.


Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.


Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛseɛ ne wo basa a atene ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo nwanwa;


Na wɔn a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohoradeɛ ne daa ahiyie mu.


Mɛgye wɔn mafiri Asamando nsam anaa? Mɛgye wɔn owuo mu anaa? Owuo, ɛhe na wo nwowɔeɛ wɔ? Asamando, ɛhe na wo sɛeɛ wɔ? Ahonu ahunta afiri m’ani so.


Nnanu akyiri no ɔbɛma yɛanya nkwa, da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa.


Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Matwerɛ me mmara dodoɔ no mama wɔn, wɔbuu no sɛ amannɔne adeɛ.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mofom, na monnim twerɛ nsɛm ne Nyankopɔn tumi.


Na Yesu hwɛɛ wɔn kaa sɛ: Nnipa fam na ɛntumi nyɛ hɔ, na ɛnyɛ Nyankopɔn fam; ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.


Na enti owusɔreɛ mu no, sɛ wɔnya sɔre a, wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ nnipa baason no waree no.


Na wɔnya sɔre firi awufoɔ mu a, wɔnware, nso wɔmma awadeɛ, na wɔte sɛ abɔfoɔ wɔ soro.


ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ.


Na na wɔnnya nhunuu twerɛsɛm no, sɛ ɛtwa sɛ ɔsɔre firi awufoɔ mu no.


Mohwehwɛ atwerɛsɛm no mu, ɛfiri sɛ mosusu sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛno ne deɛ ɛdi me ho adanseɛ,


Yudafoɔ a ɛwɔ ha no yɛ animdefoɔ sene wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, ɛfiri sɛ wɔyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa na wɔhwehwɛ twerɛsɛm no mu sɛ nnoɔma no te saa anaa.


Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ.


Afei nso, ɔmma mo nhunu ne tumi kɛseɛ a ɛboro so ma yɛn a yɛgye die, sɛdeɛ n’ahoɔden tumi adeyɛ


a ɔbɛsakyera yɛn ahobrɛaseɛ nipadua, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔde bɛtumi abrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’aseɛ no teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan