Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 12:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɔhunuu wɔn nyaatwom no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na ɔhunuu wɔn nyaatwom no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Yesu huu wɔn adwemmɔne no kae se, “Adɛn nti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuae.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no kaa sɛ, “Adɛn enti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuaeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na ohuu wɔn nyaatwom no, osee wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 12:15
14 Iomraidhean Croise  

Onipa ba, to aborɔme no ka mfatohosɛm yi kyerɛ Israel fie,


Na ɔne adwumayɛfoɔ no dii ano sɛ da koro denare baako no, ɔmaa wɔkɔɔ ne bobe turo mu.


Na Yesu hunuu wɔn amumuyɛ no, ɔkaa sɛ: Mo nyaatwomfoɔ, adɛn na moresɔ me ahwɛ?


Na Farisifoɔ no ba bɛbisaa no sɛ: Ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ɔgyaa ne yere anaa? Na wɔde resɔ no ahwɛ.


Na wɔbaeɛ no, wɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ na wonhwehwɛ biribi mfiri obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare, anaasɛ wɔnyi? Yɛntua anaasɛ yɛnntua?


Na wɔde bae. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Hwan mfonini ne atwerɛ nie? Na wɔsee no sɛ: Kaesare dea.


Na ɔhunuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:


Ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwan!


Na yei deɛ, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase, de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moayɛ nokorɔ sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no nan tiatia aboboano, na wɔbɛsoa wo nso afiri adi.


Nso mommma yɛnnsɔ Kristo nnhwɛ, sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ, na awɔ kunkumm wɔn no.


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan