Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 11:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Anaasɛ yɛnka sɛ: Ɛfiri nnipa? Na wɔsuro nkurɔfokuo no, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifoɔ ampa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

32 Anaasɛ yɛnka sɛ: Ɛfiri nnipa? Na wɔsuro nkurɔfokuo no, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifoɔ ampa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Na sɛ yɛka se ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a, dɔm no bɛhaw yɛn. Efisɛ wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a,’ ɛdɔm no bɛha yɛn. Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

32 Anaa yɛnka sɛ: Efi nnipa? Nanso wosuro nkurɔfokuw no; efisɛ nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifo ampa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 11:32
15 Iomraidhean Croise  

Anaasɛ adɛn nti na mofirii adie? Mokɔhwɛɛ odiyifoɔ anaa? Aane, mese mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ mpo.


Na ɔpɛɛ sɛ ɔkum no, nanso na ɔsuro nkurɔfoɔ no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.


Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no nanso na wɔsuroo nkurɔfoɔ akuakuo no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.


Na wɔdwendwenee kekaa wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɛfiri soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnneɛ ɛdeɛn nti na moannye no annie?


Na wɔbua see Yesu sɛ: Yɛnnim. Na Yesu se: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.


Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso na wɔsuro nkurɔfokuo no; na wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn. Na wɔgyaa no hɔ sii mu kɔe.


Na Herode suro Yohane, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee ne kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yera no pii, nanso ɔde anigyeɛ tiee no.


Na Atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa kɔsɔ ne mu kye no dɔn no ara mu, nanso wɔsuroo ɔman no; ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ na wɔakum Yesu; ɛfiri sɛ na wɔsuro ɔman no.


Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yohane anyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi deɛ, nanso nnoɔma a Yohane kaa wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokorɛ.


Ɛnna ɔsafohene ne asomfoɔ no firi hɔ kɔ kɔfaa wɔn baeɛ, ɛnyɛ anibereɛ so, ɛfiri sɛ na wɔsuro ɔman no sɛ anyɛ a wɔbɛsi wɔn aboɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan