Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 11:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na nokorɛ mese mo sɛ, obiara a ɔbɛse bepɔ yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe ɛpo mu, na ɔnnye akyinnyeɛ wɔ n’akoma mu, na ɔbɛgye adi sɛ deɛ ɔreka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na nokorɛ mese mo sɛ, obiara a ɔbɛse bepɔ yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe ɛpo mu, na ɔnnye akyinnyeɛ wɔ n’akoma mu, na ɔbɛgye adi sɛ deɛ ɔreka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso. Munnye nni; mommma mo gyidi nhinhim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu,’ na ɛbɛtutu akɔgu mu nso. Monnye nni; mommma mo gyidie nhinhim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na nokware mise mo sɛ, obiara a obese bepɔw yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe po mu na onnye akyinnye ne koma mu, na obegye adi sɛ nea ɔka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 11:23
11 Iomraidhean Croise  

na ma w’ani nka AWURADE ho, na wama wo deɛ w’akoma pɛ.


Na Yesu teeɛ no, ɔtenaa kodoɔ mu firii hɔ kɔɔ ɛserɛ so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ no, wɔfirii nkuro so nam fam tii no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ mo gyidie sua; na nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tu firi ha kɔ nohoa, na ɛbɛtu, na anka biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie na monnye akyinnyeɛ a, anka ɛnyɛ borɔdɔma yi deɛ nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! na ɛbɛyɛ.


Na Awurade se: Sɛ mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ akyee yi sɛ: Wo nhini ntutu na kɔtim ɛpo mu! Na ɛbɛtie mo.


Na biribiara a mobɛsrɛ no me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya animuonyam, Ɔba no mu.


Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.


Na sɛ mewɔ adiyie asɛnka, na menim ahuntasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidie nyinaa ma metutu mmepɔ mpo, na menni dɔ a, mensɛ hwee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan