Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 10:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 Na wɔbua see no sɛ: Yɛbɛtumi. Na Yesu see wɔn sɛ: Kuruwa a menom no deɛ mobɛnom, na asubɔ a wɔde bɔ me no, wɔde bɛbɔ mo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

39 Na wɔbua see no sɛ: Yɛbɛtumi. Na Yesu see wɔn sɛ: Kuruwa a menom no deɛ mobɛnom, na asubɔ a wɔde bɔ me no, wɔde bɛbɔ mo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Wɔka kyerɛɛ no se, “Yebetumi!” Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mubetumi anom me kuruwa ano, na wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛtumi!” Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mobɛtumi anom me kuruwa ano, na wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

39 Na wosee no sɛ: Yebetumi. Na Yesu see wɔn sɛ: Kuruwa a menom ano no de, mobɛnom, na asubɔ a wɔde bɔ me no, wɔde bɛbɔ mo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 10:39
10 Iomraidhean Croise  

Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ efie wura no Beelsebul a, mprɛ ahe na wɔremfa mfrɛ ne fiefoɔ?


na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.


Na ɔno deɛ, ɔkasaa anibereɛ so sɛ: Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wuo mpo a, merempa wo da! Na saa ara na wɔn nyinaa nso kaeɛ.


Na ɔkaa sɛ: Aba, Agya! Wotumi nnoɔma nyinaa yɛ; yi kuruwa yi firi me so kɔ! Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ.


Petro see no sɛ: Awurade, ɛdeɛn nti na mentumi menni w’akyi seesei? Mede me nkwa bɛto hɔ ama wo.


Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wɔbɛdi mo deɛ so bi.


Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atane wɔn, ɛfiri sɛ wɔmfiri wiase, sɛdeɛ me nso memfiri wiase no.


Ɔde nkrantɛ kumm Yohane nua Yakobo.


Afei m’ani gye amaneɛ a mehunu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, deɛ aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no


Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahennie ne boasetɔ no mu yɔnkoɔ no, ɛsiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti, mewɔ supɔ a wɔfrɛ no Patmo no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan