Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 10:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 na wɔagoro ne ho na wɔatete ntasuo agu ne so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa soɔ no, wasɔre bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 na wɔagoro ne ho na wɔatete ntasuo agu ne so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa soɔ no, wasɔre bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Wobedi me ho fɛw, na wɔatete ntasu agu me so, na wɔde mpire atwa me mmaa, na wɔakum me, na nnansa so no, masɔre bio.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Wɔbɛdi me ho fɛw, na wɔatete ntasuo agu me so, na wɔde mpire atwa me mmaa, na wɔakum me, na nnansa so no, masɔre bio.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 na wɔagoru ne ho, na wɔatoto ntasu agu no so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa so wasɔre bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 10:34
24 Iomraidhean Croise  

Wɔkyiri me, wɔma me ne wɔn ntam twe, na wɔnkame sɛ wɔtoto ntasuo gu m’ani soɔ.


Na worennya me kra Asamando, woremma wo hoteni nhunu Amena mu porɔeɛ.


Wɔtrɛ wɔn anomu kyerɛ me sɛ gyata a ɔteteɛ na ɔbobom.


Medanee m’akyi memaa mmaakafoɔ, ne m’afono nso, memaa enwi tutufoɔ. Manyi m’ani mamfiri ahohoradeɛ ne ntasuo ho.


Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no, ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ, na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no, na yɛammu no hwee.


Nnanu akyiri no ɔbɛma yɛanya nkwa, da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa.


Na ɛfiri saa berɛ no na Yesu Kristo fitii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na ɔkɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsam, na wɔakum no, na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no wanyane.


Ɛnna wɔtee ntasuo guu n’anim na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ


sɛ: Owura, yɛkae sɛ ɔdaadaafoɔ no te aseɛ no, ɔkaa sɛ: Nnansa akyiri mɛnyane.


Na ɔsɔfo panin no sunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Ɛdeɛn hia na ɛhia yɛn adansefoɔ bio?


Na ebinom fitii aseɛ hinam ntasuo guu ne so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wɔsee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotorɔ.


Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafoɔ no, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔde Onipa Ba no bɛhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na wɔkum no a, ne nnansa so ɔbɛsɔre.


Na Herode ne ne dɔm no bɔɔ no adapaa, goroo ne ho, na ɔhyɛɛ no atadeɛ nahanaha bi de no kɔmaa Pilato bio.


Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ.


na ɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ɛbɛsisi hɔ kane, na sɛ wɔboboro a, ɛno ansa na wɔde deɛ ɛnyɛ ba; na wo deɛ, wode nsa pa no asie abɛduru sɛsɛɛ.


Na wɔsiee no, na ne nnansa soɔ no wɔnyanee no, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan