Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 10:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 na ɔrennya afie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, ne ɛnanom, ne mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa ka ho, seesei wɔ ɛberɛ yi mu ne daa nkwa, wiase a ɛreba no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

30 na ɔrennya afie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, ne ɛnanom, ne mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa ka ho, seesei wɔ ɛberɛ yi mu ne daa nkwa, wiase a ɛreba no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 na ɔrennya ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛnanom, mma ne nsase mmɔho ɔha, na ɔrennya ɔtaa nso nka ho! Eyinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na wiase a ɛreba no mu de, obenya nkwa a enni awiei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 na ɔrennya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maamenom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! Yeinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na ewiase a ɛreba no mu deɛ, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 na ɔrennya afi ne nuammarimanom ne nuammeanom ne ɛnanom ne mma ne nsaase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seisei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 10:30
32 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Amasia bisaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na ɛdeɛn na yɛnyɛ dwetikɛseɛ ɔha a mede ama Israel asafo no? Na Nyankopɔn nipa no se: Ɛwɔ AWURADE nsam sɛ ɔbɛma wo adeɛ pii asene yei.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Sɛdeɛ nyansanya yɛ sene sika fa! ne nhunumunya sɛ wɔyi sene dwetɛ.


Momfa ntotosoɔ du du no nyinaa mmra adekoradan mu, na aduane ntena me fie; na momfa yei nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, sɛ meremmue ɔsoro mpomma memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma no mmoro so anaa?


Na deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron deɛ, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.


Na ebi nso kɔguu asase pa mu; na ɛsoo aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Na monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee kane; na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho.


na ɔrennya no mmɔho pii ɛberɛ yi mu ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa.


Na Yesu nenam asɔrefie Salomo abrannaa so.


hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Na dasuo mu no, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafoɔ no tieeɛ.


Ɛnna wɔde anigyeɛ firii badwafoɔ no anim kɔeɛ sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.


Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ ahohia de boasetɔ ba,


Na bɔne akatua ne owuo; na Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.


sɛ awerɛhofoɔ, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nanso wɔma nnipa bebree nya wɔn ho; sɛ wɔn a wɔnni hwee, nanso wɔwɔ nnoɔma nyinaa.


Nanso ampa ara meda so mebu nnoɔma nyinaa adehwereɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro soɔ no nti. Ne nti na mebuu nnoɔma no nyinaa adehwereɛ, na mebu no sɛ sumina so adeɛ, na Kristo ayɛ me mfasoɔ,


Na ɔno yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu no,


na honam mu mmɔdemmɔ ho mfasoɔ sua, na onyamesom pa ho wɔ mfasoɔ, ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne deɛ ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.


Na onyamesom pa a abodwoɔ wɔ mu yɛ adenya kɛse.


Nhyira ne onipa a ɔto ne bo ase wɔ sɔhwɛ mu. Na sɛ ɔnya firi mu fi tɔtorɔtɔɔ a, ɔbɛnya nkwa abotire a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ.


Hwɛ, yɛbu wɔn a wɔhunuu amane, too wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfoɔ. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahunu sɛdeɛ Awurade maa no wiee no, sɛdeɛ Awurade ayamyɛ dɔɔso, na ɔyɛ timmɔborɔ.


Na ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn ne daa nkwa no.


Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adɔ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Yei nti wiase nhu yɛn, ɛfiri sɛ ɛnhunuu no.


Menim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefoɔ, ne wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ, nanso wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.


Metu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔabere ho ogya mu, na woanya ahonya ne atadeɛ fitaa, na woahyɛ, na w’adagya ahohora anna adi, ne aniduro a wode bɛsra w’ani, na woahunu adeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan