Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 10:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Na Yesu hwɛɛ wɔn kaa sɛ: Nnipa fam na ɛntumi nyɛ hɔ, na ɛnyɛ Nyankopɔn fam; ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

27 Na Yesu hwɛɛ wɔn kaa sɛ: Nnipa fam na ɛntumi nyɛ hɔ, na ɛnyɛ Nyankopɔn fam; ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Yesu hwɛɛ wɔn dinn kaa sɛ, “Onipa fam deɛ, yei rentumi mma mu, na Onyankopɔn fam deɛ, biribiara bɛtumi aba mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 Na Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae sɛ: Nnipa fam na entumi nyɛ, na ɛnyɛ Onyankopɔn fam, efisɛ Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 10:27
15 Iomraidhean Croise  

Na yei nso yɛ mmrɛ wɔ AWURADE ani so, na ɔbɛyi Moab nso ahyɛ mo nsa.


Ɛnna okunini a ɔhene twere ne nsa soɔ no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ɔse: Wo ara wode w’ani bɛhunu, na worenni bi.


Mahunu sɛ wotumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensi wo tirimbɔ biara kwan.


Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛseɛ ne wo basa a atene ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo nwanwa;


Hwɛ, me AWURADE ne ɔhonam nyinaa Nyankopɔn; biribi bɛyɛ me den anaa?


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkaeɛ ani so nwanwa nna yi mu a, m’ani so nso ɛbɛyɛ nwanwa? Asafo AWURADE asɛm nie.


Na Yesu hwɛɛ wɔn, see wɔn sɛ: Onipa fam na yei ntumi nyɛ hɔ, na Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.


Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so; na wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛtumi agye no nkwa?


ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ.


Na ɔkaa sɛ: Deɛ ɛntumi nyɛ hɔ nnipa fam no, Nyankopɔn fam deɛ, ɛbɛtumi ayɛ hɔ.


a ɔbɛsakyera yɛn ahobrɛaseɛ nipadua, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔde bɛtumi abrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’aseɛ no teɛ.


Ɔsusuu sɛ Onyankopɔn bɛtumi anyane no afiri awufoɔ mu mpo. Ɛhɔ nso na ɔnyaa no bio, akasabebuo mu.


Saa nti, ɔbɛtumi agye wɔn a wɔnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛn no koraa, ɛfiri sɛ ɔte ase daa sɛ ɔbɛdi ama wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan