Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 1:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Yuda asase sofoɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn nyinaa asu, Asubɔnten Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Yuda asase sofoɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn nyinaa asu, Asubɔnten Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nnipa fifi Yerusalem ne Yudea nkurow nyinaa so kohuu Yohane tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nnipa fifiri Yerusalem ne Yudea nkuro so kɔhunuu Yohane, tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Yudea asase nyinaa sofo ne Yerusalemfo fi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn nyinaa asu wɔ asubɔnten Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 1:5
15 Iomraidhean Croise  

Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumuyɛ so. Mekaa sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE. Wo na wode me bɔne so mmusuo kyɛeɛ.


Deɛ ɔkata ne mmarato soɔ no, ɔrenyɛ prɔmprɔm, na deɛ ɔka na ɔgyaeɛ no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.


Na nkurɔfoɔ akuakuo pii a wɔfiri Galilea ne Dekapoli ne Yerusalem ne Yuda ne Yordan agya dii n’akyi.


Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, na ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu.


Na Yohane fira yoma nwi ntoma, ɛnna nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na ɔdi ntutummɛ ne wiram woɔ.


Yeinom sii wɔ Betania, Yordan agya nohoa, faako a Yohane rebɔ asu hɔ.


Na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ asuasu pii wɔ hɔ, na wɔbaa hɔ ma wɔbɔɔ wɔn asu.


Ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.


Na wɔn a wɔagye adie no mu pii ba bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn nkokoam nsɛm.


Na Petro see wɔn sɛ: Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no.


Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na momommɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree.


Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa animuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Ɛdeɛn na woyɛeɛ? Nsi me so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan