Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 1:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na honhom fi no maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu, na ɔfirii ne mu kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Na honhom fi no maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu, na ɔfirii ne mu kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Honhommɔne no wosow saa ɔbarima no na ɔteɛteɛɛ mu dennen maa ne tu kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Honhommɔne no wosoo saa ɔbarima no, ma ɔteateaam den na ɛtu kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Na honhom fi no ma osinsenee, na ɔde nne kɛse teɛɛm, na ofii no mu kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 1:26
7 Iomraidhean Croise  

Na Yesu teateaa no sɛ: Mua w’ano na firi ne mu kɔ!


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri maa wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforɔ! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi mpo na wɔtie no.


Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ɔhunuu Yesu no, ntɛm ara na honhom no maa no senseneeɛ, na ɔhwee ase, na ɔbu faa so, na n’ano twaa ahuro.


Na ɛteaa mu, na ɛtwetwee no pii no, ɛfirii ne mu. Na ɔyɛɛ sɛ owufoɔ maa nnipa pii kaa sɛ: Wawu.


Na sɛ deɛ ɔsene no ahoɔden ba ne so na ɔdi ne so nkonim a, ɔgye n’akodeɛ a n’ani da soɔ no, na ɔkyɛ n’asadeɛ mu.


Na hwɛ, honhom bi kye no, na ɔfu mu tea mu su, na ɛsensene no ma n’ano twa ahuro, na ɔbu fa so, na ɛdene no ansa na agyaa no.


Na ɔreba no, honhommɔne no himm no hwee fam, na ɛsensenee no. Na Yesu teateaa honhom fi no, na ɔsaa abɔfra no yadeɛ, na ɔde no maa n’agya.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan