Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 1:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiri, ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ Atwerɛfoɔ no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiri, ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ Atwerɛfoɔ no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Nnipa no tee asɛm no maa wɔn ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Nnipa no tee asɛm no no, wɔn ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ, ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiriw, efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ nea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ akyerɛwfo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 1:22
14 Iomraidhean Croise  

M’asɛm nte sɛ ogya? AWURADE asɛm nie, na ɛnte sɛ asaeɛ a ɛbobɔ ɔbotan anaa?


Na ɔkɔɔ ɔno ara ne kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu maa no yɛɛ wɔn ahodwiri, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fire?


Na ɛberɛ korɔ no ara, na onipa bi wɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhom fi, na ɔteaa mu sɛ:


Na wɔn a wɔtiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuaeɛ yɛɛ wɔn nwanwa.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfoɔ nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Na ne nkyerɛkyerɛ yɛɛ wɔn ahodwiri. Ɛfiri sɛ na n’asɛm no kura tumi.


Asomfoɔ no buaa sɛ: Onipa biara nkasaa sɛ onipa yi da.


nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasaeɛ no ano.


na mmom yɛapo aniwudeɛ a ɛhunta no, na yɛnnante anifire mu, anaasɛ yɛmfra Nyankopɔn asɛm no mu, na mmom yɛda nokorɛ no adi, de yi yɛn ho kyerɛ nnipa nyinaa, Nyankopɔn anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan