Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 1:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na wɔkɔduruu Kapernaum. Na homeda duruiɛ no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na wɔkɔduruu Kapernaum. Na homeda duruiɛ no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu ne nʼakyidifo yi beduu Kapernaum. Na Homeda duu no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu ne nʼakyidifoɔ yi bɛduruu Kapernaum. Na Homeda duruiɛ no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na wokoduu Kapernaum. Na homeda dui no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 1:21
18 Iomraidhean Croise  

Na ɔfirii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so,


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.


Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne apaafoɔ no kodoɔ no mu bɛdii n’akyi.


Na wɔfirii hyiadan no mu no, ntɛm ara na wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fie.


Na kuro mu no nyinaa bɛkyeree so ɛpono no ano.


Na ɔkɔ kɔkaa asɛm no wɔ wɔn hyia adan mu wɔ Galilea nyinaa, na ɔtuu ahonhommɔne.


Na ɔsɔre firii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya nohoa; na nkurɔfoɔ akuakuo boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn bio, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.


Na nna bi akyiri no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ fie.


Na ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa adwodwo,


Na homeda duruiɛ no, ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu; na nnipa pii a wɔteeɛ no ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi kɔnyaa nnoɔma yi? Nyansa bɛn na wɔde ama no yi, na saa ahoɔdenneɛ a ɔde ne nsa yɛ yi aseɛ ne sɛn?


Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ ɔsoro anaa? Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando.


Na ɔkyerɛkyerɛɛ hyiadan bi mu homeda.


Na ɔbaa Nasaret a wɔtetee no wɔ hɔ no, na homeda, sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ampa ara, mode bɛ yi bɛbu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yadeɛ! Nnoɔma a yɛate sɛ woyɛɛ no Kapernaum no, yɛ no w’agya kurom ha yi bi!


Na sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda mmiɛnsa ne wɔn kɔyɛɛ twerɛ nsɛm ho mpɛnsɛnpɛnsɛm.


Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu maa Yudafoɔ ne Helafoɔ gye diiɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan