Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 1:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim kakra no, ɔhunuu Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane sɛ wɔn nso wɔ kodoɔ mu retetɛ wɔn asau mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim kakra no, ɔhunuu Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane sɛ wɔn nso wɔ kodoɔ mu retetɛ wɔn asau mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, na ɔbaako nso de Yakobo, sɛ wɔte ɔkorow mu reyɛ wɔn asau ho adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, ɛnna ɔbaako nso Yakobo, sɛ wɔte kodoɔ mu reyɛ wɔn asau ho adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na ofii hɔ kɔɔ n’anim kakra no, ohuu Sebedeo ba Yakob ne nua Yohane sɛ wɔn nso wɔ ɔkorow mu retuatua wɔn asawu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 1:19
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim no, ɔhunuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te kodoɔ mu repempam wɔn asau; na ɔfrɛɛ wɔn.


Na ntɛm ara wɔgyaa wɔn asau no hɔ bɛdii n’akyi.


Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne apaafoɔ no kodoɔ no mu bɛdii n’akyi.


Na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ biribiara a yɛbɛsrɛ woɔ no, woyɛ ma yɛn.


Na ɔfaa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho firii aseɛ hiahiaa no, na ne ho yeraa no.


Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, na ɔtoo wɔn din Bo-anerges, aseɛ ne aprannaa mma;


Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro, Yakobo ne Yakobo nua Yohane.


Na ɛno akyiri nnansia no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so fa baabi. Na ɔsakyerae wɔ wɔn anim,


Na Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n’asuafoɔ no mu baanu nso wɔ hɔ.


Na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda teɛ.


Ɔde nkrantɛ kumm Yohane nua Yakobo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan