Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Malaki 3:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔrebɛyi ne ho adie yi, hwan na ɔbɛtumi agyina n’anim ne ba da no? Na ɔte sɛ ɔnanefoɔ gya ne ntomasifoɔ dɔw;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔrebɛyi ne ho adie yi, hwan na ɔbɛtumi agyina n’anim ne ba da no? Na ɔte sɛ ɔnanefoɔ gya ne ntomasifoɔ dɔw;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na hena na obetumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hena na obetumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya a wɔde nan dade anaa ntamahorofo samina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na hwan na ɔbɛtumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hwan na ɔbɛtumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya dɛreɛ a wɔde nane dadeɛ anaa ntoma sifoɔ samina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na hena na obetumi ne ba da no, na ɔrebeyi ne ho adi no, hena na obegyina? Na ɔte sɛ ɔnanfo gya ne ntamasifo gyakisi;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Malaki 3:2
47 Iomraidhean Croise  

Na ɔdanee n’ani kyerɛɛ Sodom ne Gomora ne kanko no asase nyinaa, na ɔhwɛe, na hwɛ, asase no so wisie foroo sɛ fononoo mu wisie.


Aane dwetɛ wɔ ne nkommena, na afa wɔ hɔ ma sika a wɔhorɔ.


AWURADE, sɛ wodi amumuyɛdeɛ akyiri a, hwan na anka ɔbɛgyina?


Na mɛka no deɛ AWURADE ahyɛ no. AWURADE ase me sɛ: Me ba ne wo, ɛnnɛ na mawo woɔ.


Wo na wo ho yɛ hu, na sɛ wo bo refu a, hwan na ɔbɛtumi agyina w’anim?


Yi fi dwetɛ mu, na agudeɛ firi odwumfoɔ nsam aba.


Mommra mma yɛmfa adwene ɛ, AWURADE na ɔseɛ; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa sɛ nwera, sɛ ɛbere sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akaadoo.


Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo, na ehu aka ahuhufoɔ: Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho? Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?


da a AWURADE de atemmuo honhom ne ɛhyeɛ honhom bɛhohoro Sion mmammaa ho fi na wayi Yerusalem mogya so afiri mu no.


Na mpo sɛ wode dɔw dware, na wofa samina ma no dɔɔso a, w’amumuyɛ yɛ m’anim nkekaeɛ ara, AWURADE NYANKOPƆN asɛm nie.


W’akoma bɛtumi adi anaasɛ wo nsam bɛyɛ den nna a me ne wo bɛdie no? Me, AWURADE, na maka, na mɛyɛ.


Na mmadwemma no bi bɛtotɔ na wɔde ayi wɔn mu fi de ate wɔn ho ahoa wɔn ho fitaa akɔsi awieeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no bɛba ara.


Na AWURADE ma ne nne so, ne dɔm no anim, na ne nsraban no so sɛ, na deɛ ɔdi n’asɛm soɔ no ho yɛ den. Na AWURADE da no so na ɛyɛ hu sɛ, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?


Hwan na ɔbɛgyina n’abohuro anim, na hwan na ɔbɛsɔre atia n’abufuo no? N’anibereɛ hwie sɛ ogya, na abotan bubu n’anim.


Na mede nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛfa ogya mu, na manane wɔn sɛdeɛ wɔnane dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛdeɛ wɔyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mɛbua wɔn. Mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn!


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban.


Na wɔrekɔ akɔtɔ bie no, ayeforɔkunu no baeɛ, na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforɔhyia no ase, na wɔtoo pono no mu.


na n’atadeɛ hyerɛnn fitafita a asase so ntomasifoɔ biara ntumi nhoa no saa.


Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ: Hwɛ, abɔfra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel nnipa bebree ahweaseɛ ne wɔn sɔreɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔbɛkasa atia no,


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.


Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra n’aporeeɛ hɔ fitaa, na waboaboa ayuo no ano agu ne san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.


Nanso wɔde akuma no ato nnua nhini no ho dada sɛ dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.


na nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.


Nso moanhu no, na me deɛ, menim no; na sɛ meka sɛ mennim no a, meyɛ ɔtorofoɔ te sɛ mo. Nanso menim no, na medi n’asɛm so.


Monhwɛ na moampo deɛ ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo deɛ ɔkasaa asase soɔ no amfiri ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdane firi deɛ ɔfiri soro kasa no ho a, yɛbɛdwane?


Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa, a ɛho teɛ maa no sɛ ɔmfira. Na nwera pa no ne ahotefoɔ tenenee.


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


ɛfiri sɛ n’abufuo da kɛseɛ no adu, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.


Na Bet-semesfoɔ no kaa sɛ: Hwan na ɔbɛtumi agyina AWURADE, Onyankopɔn kronkronni yi anim, na hwan nkyɛn na ɔmfiri yɛn nkyɛn nkorɔ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan