Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Malaki 3:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Hwɛ! Mɛsoma me bɔfo a obesiesie kwan ama me. Afei mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho bɔfo a mopɛ no no bɛba, sɛnea Asafo Awurade se ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Hwɛ! Mɛsoma me ɔbɔfoɔ a ɔbɛsiesie ɛkwan ama me. Na afei, mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho ɔbɔfoɔ a mopɛ no no bɛba, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Malaki 3:1
38 Iomraidhean Croise  

AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.


Hwɛ, meresoma ɔbɔfoɔ adi w’anim akɔhwɛ wo ɛkwan mu, na ɔde wo akɔduru deɛ masiesie hɔ no.


Hwɛ yie wɔ n’anim, na tie ne nne; nnwene ntia no, na ɔremfa mo mmarato nkyɛ mo, ɛfiri sɛ me din wɔ ne mu.


Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn de tumi reba, na ne basa bɛdi nim ama no. Hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no, na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn; ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn, na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.


Enti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel.


Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.


Ɛnna Hagai, AWURADE bɔfoɔ no, bɔɔ AWURADE kaseɛ kyerɛɛ ɔman no sɛ: Medi mo akyi, AWURADE asɛm nie.


na mobɛhunu sɛ me na mesoma maa wɔde mmara yi brɛɛ mo sɛ ɛnyɛ me ne Lewi apam, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ, na wɔnyɛ nhwɛsoɔ mma afoforɔ, mmara no so die mu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɔfoɔ ne no.


Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


Na sɛ mopɛ sɛ mogye a, oyi ne Elia a ɔreba no.


Na wo, abɔfra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifoɔ; ɛfiri sɛ wobɛdi Awurade anim akɔsiesie n’akwan,


Na daa ɔkyerɛkyerɛɛ asɔrefie hɔ; na na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne ɔman no mu atitire rehwehwɛ no aku no.


sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo, Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.


Na dɔn no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgyeɛ a wɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.


Na ɛbaa sɛ ne nnansa soɔ no, wɔkɔhunuu no wɔ asɔrefie sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ ntam retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.


Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakyera asu mmom, ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, wɔnnye deɛ ɔdi n’akyiri reba a ɔne Yesu no nni.


Oyi ne deɛ na ɔne ɔbɔfoɔ no wɔ asafo no mu ɛserɛ so hɔ a ɔbɔfoɔ no ne no ne yɛn agyanom kasaa Sinai bepɔ soɔ, na ɔgyee nkwa nsɛm no de brɛɛ yɛn no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan