Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Malaki 2:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Enti me nso mɛma mo anim agu ase, na moabrɛ ase ɔman no nyinaa anim, sɛdeɛ monni m’akwan soɔ na mohwɛ nnipa anim, na mobu ntɛnkyea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Enti me nso mɛma mo anim agu ase, na moabrɛ ase ɔman no nyinaa anim, sɛdeɛ monni m’akwan soɔ na mohwɛ nnipa anim, na mobu ntɛnkyea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Enti mama mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa anim, efisɛ moannantew mʼakwan so na mmom mode animhwɛ abu mmara so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Enti, mama mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa anim, ɛfiri sɛ moannante mʼakwan so na mmom mode animhwɛ abu mmara so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Enti me nso mɛma mo anim agu ase, na moabrɛ ase ɔman no nyinaa anim, sɛnea munni m’akwan so na mohwɛ nnipa anim, mmara mu no ara pɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Malaki 2:9
30 Iomraidhean Croise  

Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie!


Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ obi anim, na madɛfɛdɛfɛ m’ano mama onipa,


Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na abɔnefoɔ din bɛporɔ.


Onipa nimdeɛ so na wɔyi no ayɛ, na deɛ wakyea n’akoma no anim bɛgu ase.


Na mɛtete mo nnuku, na mayi me man afiri mo nsa mu, na wɔantena mo nsa mu sɛ ahayɛdeɛ bio, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Mmusuo pae mmusuo so, akwansosɛm pae akwansosɛm so. Na wɔhwehwɛ odiyifoɔ hɔ adehunu, na mmara bɔ ɔsɔfoɔ, na afotuo bɔ mpanimfoɔ.


Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn, na emu asɔfoɔ gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm, na wɔtwere AWURADE ka sɛ: Ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntɛm yi? Bɔne biara remma yɛn so.


Na mɛto atantanneɛ agu wo so, na magu w’anim ase, na mede wo mayɛ ahwɛdeɛ.


Hwɛ, mɛtwi mo asefoɔ anim, na mabɔ sɛbeɛ mapete mo anim, mo nnapɔnna sɛbeɛ no, na wɔasesa mo aka ɛno ho akɔ;


Nanso moafiri ɔkwan no so amane, moama nnipa bebree asunti mmara no, moasɛe Lewi apam no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na ɔno deɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔbu ne ho bem, nti ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: Na hwan ne me yɔnko?


Na mo Farisifoɔ, monnue sɛ momma ɛme ne nunum ne fan nyinaa so ntotosoɔ du du, na mogya atemmuo ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya deɛ ɛka ho no hɔ.


Na wɔn a wɔbu wɔn sɛ wɔwɔ din no, (deɛ wɔteɛ biara, ɛmfa me ho hwee; Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nyiyi mu), na me deɛ, wɔn a wɔwɔ din no amfa biribiara anka me ho,


Monnhwɛ nnipa anim atemmuo mu, montie aketewa sɛ ɔkɛseɛ; monnsuro onipa anim, ɛfiri sɛ atemmuo yɛ Nyankopɔn dea. Na asɛm a ɛyɛ den sene mo na momfa mmrɛ me, na mentie.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka nie: Mekae ampa sɛ: Wo fie ne w’agya fie nnante m’anim daa; nanso afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Ɛmpare me koraa; na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan