Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Malaki 1:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Wiɛ, monkoto nsrɛ Nyankopɔn, na ɔmmɛdom yɛn ɛ. Na sɛ mo nsam na ɛno firiiɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na mo nti ɔbɛhwɛ obi anim? Asafo AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Wiɛ, monkoto nsrɛ Nyankopɔn, na ɔmmɛdom yɛn ɛ. Na sɛ mo nsam na ɛno firiiɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na mo nti ɔbɛhwɛ obi anim? Asafo AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Afei monsrɛ Onyankopɔn, na onhu yɛn mmɔbɔ. Sɛ afɔrebɔde sɛɛ fi mo nkyɛn a obegye mo ato mu ana?” Asafo Awurade na ɔrebisa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Afei mo nsrɛ Onyankopɔn, na ɔnhunu yɛn mmɔbɔ. Sɛ afɔrebɔdeɛ sei firi mo nkyɛn a, ɔbɛgye mo ato mu anaa?” Asafo Awurade na ɔrebisa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na afei, mode nkotɔsrɛ rehwehwɛ Onyankopɔn anim, sɛ ɔmmɛdom yɛn?. Mo nsam na ɛno fii, so mo nti ɔbɛhwɛ obi anim? Asafo Awurade na ose.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Malaki 1:9
15 Iomraidhean Croise  

Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no sɔreeɛ na wɔhyiraa ɔman no. Na wɔtee wɔn nne, na wɔn mpaebɔ duruu ne tenabea kronkron no ɔsoro.


Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, adɛn nti na wo bo huru tia ɔman a wode ahoɔden kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den kɔyii wɔn Misraim asase so baeɛ no?


Kum na Yudahene Hesekia ne Yuda nyinaa kum no anaa? Ɛnyɛ AWURADE na ɔsuroo no, na ɔkoto srɛɛ AWURADE, na AWURADE nso nuu ne ho bɔne a ɔka guu wɔn soɔ no ho? Na yɛn deɛ, yɛreyɛ bɔne kɛse atia yɛn kra yi?


Na sɛ wɔyɛ adiyifoɔ, na sɛ AWURADE asɛm wɔ wɔn hɔ a, ma wɔnkoto nsrɛ asafo AWURADE, na nnoɔma a aka AWURADE fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem no ankɔ Babel.


Sɔre kekam anadwo, ɔdasuom mfitiaseɛ, hwie w’akoma gu sɛ nsuo, AWURADE anim; wo mmotafowa kra nti, ma wo nsa so kyerɛ no, na wɔatotɔ ɛkɔm ano piti, mmorɔno nyinaa ti.


Na afei nso, AWURADE na ɔseɛ, monsane mmra me nkyɛn mo akoma nyinaa ne abuadadie ne esu ne adwotwa mu.


Ma asɔfoɔ, AWURADE asomfo no, nsu wɔ ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam, nka sɛ: O AWURADE, dodo wo man ho, na mfa w’agyapadeɛ mma ahohora, na amanaman nnnidi wɔn atɛm. Adɛn nti na wɔnka no aman mu sɛ: Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ?


Na sɛ mobɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ma me na mode mo aduane ayɛyɛdeɛ brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoeɛ afɔdeɛ nso, merenhwɛ.


Na yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie adebɔneyɛfoɔ; na sɛ obi fɛre Onyankopɔn na ɔyɛ deɛ ɔpɛ a, ɔno na ɔtie no.


Na nnipa mu nyiyimu ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam.


Na sɛ mofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no sɛ Agya a, momfa suro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tenabea yi mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan