Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Malaki 1:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na sɛ mode aboa anifirani bi ba bɛbɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ bɔne anaa? Na sɛ mode apakye anaa ɔyarefoɔ bi ba a, ɛnyɛ bɔne anaa? Fa kɔma w’amrado; na hwɛ sɛ n’ani bɛsɔ wo, anaasɛ ɔbɛhwɛ w’anim anaa? Asafo AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na sɛ mode aboa anifirani bi ba bɛbɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ bɔne anaa? Na sɛ mode apakye anaa ɔyarefoɔ bi ba a, ɛnyɛ bɔne anaa? Fa kɔma w’amrado; na hwɛ sɛ n’ani bɛsɔ wo, anaasɛ ɔbɛhwɛ w’anim anaa? Asafo AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ mode mmoa a wɔn ani abɔ bɔ afɔre a, ɛnyɛ mmusu? Sɛ mode mmoa a wɔyare anaa wɔyɛ mpakye bɔ afɔre a, ɛnyɛ mmusu? Ɛyɛ a, momfa akyɛde a ɛte saa no nkɔma mo amrado, na monhwɛ sɛ, nʼani bɛsɔ na wagye wo ato mu ana?” Nea Asafo Awurade se ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ mode mmoa a wɔn ani abɔ bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Sɛ mode mmoa a wɔyare anaa wɔyɛ mpakye bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Ɛyɛ a, momfa akyɛdeɛ a ɛte saa no nkɔma mo amrado, na monhwɛ sɛ, nʼani bɛsɔ na wagye wo ato mu anaa?” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na sɛ mode aboa onifuraefo bi ba bɛbɔ afɔre a, so ɛnyɛ bɔne? Na sɛ mode aboa apakye anaa aboa yarefo bi ba a, so ɛnyɛ bɔne anaa? Fa kɔma w’amrado! So n’ani bɛsɔ wo, anaasɛ ɔbɛhwɛ w’anim? Asafo Awurade na ose.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Malaki 1:8
10 Iomraidhean Croise  

Na afei momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo tiri so mpaeɛ, na ɔno nko ara anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.


Ɔnkae w’aduane afɔdeɛ nyinaa, na wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ n’ani.


Sɛ AWURADE ka wɔ ɔman yi ho nie: Saa ara na wɔpɛ sɛ wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, wɔansi wɔn nan kwan; enti AWURADE nso ani nsɔ wɔn; afei na wakae wɔn amumuyɛ rebɛtua wɔn bɔne so ka.


M’ayɛyɛdeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no, ɛnam nko na wɔkum die; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛ na wabɛtwe wɔn aso, wɔ wɔn bɔne ho; Misraim na wɔbɛsane akorɔ.


Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa Yuda Amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne Ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ:


Anka ɛyɛ sɛ mo mu bi kɔtoto apono mu nso, na moansɔ m’afɔrebukyia so gya kwa! m’ani nsɔ mo hwee, asafo AWURADE na ɔseɛ, na mo nsam ayɛyɛdeɛ nyɛ me fɛ.


Mode paanoo a ɛho akum brɛ me m’afɔrebukyia so. Na moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde kum wo ho? Sɛ mosusu sɛ: AWURADE pono no yɛ adeɛ a wɔtumi bu no animtia.


Na sɛ ɛdɛm bi wɔ ne ho, ɔtɔ apakye anaasɛ n’ani afira, anaasɛ ɛdɛmmɔne biara wɔ ne ho a, mfa no mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔdeɛ;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan