Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Malaki 1:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Mode paanoo a ɛho akum brɛ me m’afɔrebukyia so. Na moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde kum wo ho? Sɛ mosusu sɛ: AWURADE pono no yɛ adeɛ a wɔtumi bu no animtia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Mode paanoo a ɛho akum brɛ me m’afɔrebukyia so. Na moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde kum wo ho? Sɛ mosusu sɛ: AWURADE pono no yɛ adeɛ a wɔtumi bu no animtia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Mode aduan a ho agu fi begu mʼafɔremuka so. “Afei mubisa se ‘Ɔkwan bɛn so na yɛafa agu wo ho fi?’ “Sɛ mokae se, Awurade pon ho yɛ aniwu nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Mode aduane a ɛho agu fi bɛgu mʼafɔrebukyia so. “Afei mobisa sɛ ‘Ɛkwan bɛn so na yɛfa guu wo ho fi?’ “Sɛ mokaa sɛ, Awurade ɛpono ho yɛ aniwu enti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Mode abodoo a ɛho akum brɛ me m’afɔremuka so. Na moka se: Dɛn na yɛde kum wo ho? Sɛ moka sɛ: Awurade pon no yɛ ade a wotumi bu no animtiaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Malaki 1:7
14 Iomraidhean Croise  

Afɔrebukyia no yɛ dua, ne korɔn yɛ basafa baako ne fa, na ne ntwemu yɛ basafa baako, na ne ntweaso ne ne nnyinasoɔ ne n’afasuo yɛ dua. Na ɔka kyerɛ me sɛ: Yei ne ɛpono a ɛsi AWURADE anim.


wɔn na wɔbɛhyɛne me kronkronbea hɔ, na wɔn na wɔbɛbɛn me pono ho abɛsom me, na wɔayɛ me som adwuma no.


Aduane afɔdeɛ a mode bɛbrɛ AWURADE no nyinaa, mommfa mmɔreka nnyɛ; na monnhye mmɔreka biara ne ɛwoɔ biara sɛ ogya afɔdeɛ mmma AWURADE.


Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wɔnnhura wɔn Nyankopɔn din ho, ɛfiri sɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔdeɛ, wɔn Nyankopɔn aduane no ba; enti wɔnyɛ kronkron.


Na bu no kronkron, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn aduane na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, ɛfiri sɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.


Na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so: Ɛyɛ aduane afɔdeɛ a wɔbɔ no gya so ma AWURADE.


Nanso mogu ho fi, sɛ moka sɛ: AWURADE pono no, wɔakum ho, ne ɛso adeɛ, n’aduane no nso yɛ adeɛ a wɔtumi bu no animtia.


Nso moka sɛ: Hwɛ, ɔbrɛ bɛn nie! Na mopeepee, asafo AWURADE na ɔseɛ, na mode fomfa adeɛ ne aboa apakye ne ɔyarefoɔ ba, na mode bɛyɛ ayɛyɛdeɛ; mɛgye no mo nsam ama no ayɛ me fɛ anaa? AWURADE na ɔseɛ.


Na sɛ mode aboa anifirani bi ba bɛbɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ bɔne anaa? Na sɛ mode apakye anaa ɔyarefoɔ bi ba a, ɛnyɛ bɔne anaa? Fa kɔma w’amrado; na hwɛ sɛ n’ani bɛsɔ wo, anaasɛ ɔbɛhwɛ w’anim anaa? Asafo AWURADE na ɔseɛ.


Montumi nnom Awurade kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; montumi nnidi Awurade pono so ne ahonhommɔne pono so.


Na sɛ ɛdɛm bi wɔ ne ho, ɔtɔ apakye anaasɛ n’ani afira, anaasɛ ɛdɛmmɔne biara wɔ ne ho a, mfa no mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔdeɛ;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan