Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 9:60 - New Revised Asante Twi Bible

60 Na Yesu see no sɛ: Ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ, na wo deɛ, kɔ na kɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛm!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

60 Na Yesu see no sɛ: Ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ, na wo deɛ, kɔ na kɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛm!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

60 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo de, kɔka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

60 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo deɛ, kɔka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

60 Na Yesu see no sɛ: Ma awufo nsie wɔn awufo, na wo de, kɔ na kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 9:60
14 Iomraidhean Croise  

Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.


Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ!


ɛfiri sɛ, me ba yi wui, na wanyane bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wɔfirii aseɛ gyee wɔn ani.


Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gyeɛ na yɛn bo tɔ yɛn yam, ɛfiri sɛ wo nua yi wui, na wanyane; ɔyerae, na wɔahu no.


Na sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ adeɛ a mede hoahoa me ho, ɛfiri sɛ ɛtwa sɛ meka, na sɛ manka asɛmpa no a, mennue!


Na mo a anka moyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ ne bɔne mu,


ama yɛn a anka yɛyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.)


Na deɛ ɔbɔ ahohwie no deɛ, ɔyɛ teaseawuo.


Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛberɛ a ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ mu, yi atɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.


Na wo deɛ, ma w’ani nna hɔ wɔ adeɛ nyinaa mu, mia w’ani hunu amane, yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma, wie wo som no koraa.


Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso woawuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan